< 2 Berɛsosɛm 15 >

1 Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so,
Y fue el Espíritu de Dios sobre Azarías, hijo de Obed;
2 na ɔpue kɔhyiaa ɔhene Asa a ɔfiri akono reba no. Ɔteaam guu Asa so sɛ, “Tie me, Asa, Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa montie. Mmerɛ dodoɔ a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Ɛberɛ biara a mobɛhwehwɛ noɔ no, mobɛhunu no. Nanso sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo.
Y salió al encuentro a Asa, y díjole: Oídme Asa, y todo Judá y Ben-jamín. Jehová es con vosotros, si vosotros fuereis con él: y si le buscareis, será hallado de vosotros: mas si le dejareis, él también os dejará.
3 Teteete no, na Israel nni nokorɛ Onyankopɔn, na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wɔnni Onyankopɔn mmara nso.
Muchos días ha estado Israel sin verdadero Dios, y sin sacerdote, y sin enseñador, y sin ley.
4 Nanso, ɛberɛ biara a mobɛkɔ ahohiahia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Onyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, mohunu no.
Mas cuando con su tribulación se convirtieron a Jehová Dios de Israel, y le buscaron, él fue hallado de ellos.
5 Saa esum berɛ no mu, na akwantuo yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa.
En aquellos tiempos no hubo paz, ni para el que entraba, ni para el que salía, sino muchas destrucciones sobre todos los habitadores de las tierras.
6 Akodie baa Ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, ɛfiri sɛ Awurade maa ɔhaw ahodoɔ bebree baa mo so.
Y la una gente destruía a la otra: y la una ciudad a la otra: porque Dios los conturbó con todas calamidades.
7 Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, monnya akokoɔduru, na mobɛnya mo adwumayɛ so akatua.”
Esforzáos pues vosotros, y no se descoyunten vuestras manos: que salario hay para vuestra obra.
8 Ɛberɛ a Asa tee saa asɛm yi firii odiyifoɔ Oded babarima Asaria nkyɛn no, ɔnyaa akokoɔduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkuro a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔ nsase so no. Ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na ɛsi Awurade Asɔredan ntwonoo anim no.
Y como Asa oyó las palabras y profecía de Obed profeta, fue confortado, y quitó las abominaciones de toda la tierra de Judá y de Ben-jamín, y de las ciudades que él había tomado en el monte de Efraím: y reparó el altar de Jehová, que estaba delante del portal de Jehová.
9 Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wɔfiri Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa berɛ so, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Awurade ne Onyankopɔn ka ne ho.
E hizo juntar a todo Judá y Ben-jamín, y con ellos los extranjeros de Efraím, y de Manasés, y de Simeón: porque muchos de Israel se habían pasado a él, viendo que Jehová su Dios era con él.
10 Ɛrekɔ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa awieeɛ no mu a na Asa adi adeɛ mfeɛ dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem.
Y fueron juntos en Jerusalem en el mes tercero, a los quince años del reino de Asa.
11 Saa ɛda no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔdeɛ. Na mmoa no dodoɔ yɛ anantwie ahanson a nnwan ne mpɔnkye nso dodoɔ yɛ mpem nson.
Y sacrificaron a Jehová aquel mismo día, de los despojos que habían traído, siete cientos bueyes, y siete mil ovejas.
12 Afei, wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.
Y entraron en concierto de que buscarían a Jehová el Dios de sus padres, de todo su corazón, y de toda su alma:
13 Wɔpenee so sɛ, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no, wɔbɛkum no, sɛ ɔnnyiniiɛ anaa wanyini, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa.
Y que cualquiera que no buscase a Jehová el Dios de Israel, muriese, grande o pequeño, hombre o mujer.
14 Wɔhyɛnee ntotorobɛnto ne mmɛn dendeenden, de dii Awurade nokorɛdie ntam no ho adanseɛ.
Y juraron a Jehová a gran voz y júbilo, a son de trompetas, y de bocinas:
15 Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu na ɛyɛeɛ. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wɔhunuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegyeɛ firii wɔn atamfoɔ a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.
Del cual juramento todos los de Judá se alegraron; porque de todo su corazón le juraban, y de toda su voluntad le buscaban, y fue hallado de ellos: y Jehová les dio reposo de todas partes.
16 Mpo ɔhene Asa tuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, ɔsii Asera afɔrebukyia a ɛyɛ atantanneɛ. Ɔtwaa dua no, bubuu mu, hyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu.
Y aun a Maaca la madre del rey Asa, él la depuso que no fuese señora, porque había hecho ídolo en el bosque: y Asa deshizo su ídolo, y le desmenuzó, y quemó en el arroyo de Cedrón.
17 Ɛwom sɛ wɔantutu abosonsom asɔreeɛ no nyinaa amfiri Israel deɛ, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwa nna nyinaa.
Mas con todo eso los altos no eran quitados de Israel, aunque el corazón de Asa fue perfecto mientras vivió.
18 Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahodoɔ a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.
Y metió en la casa de Dios lo que su padre había dedicado, y lo que él había consagrado, plata, y oro, y vasos.
19 Enti, ɔko ansi bio kɔsii Asa adedie afe a ɛtɔ so aduasa enum no so.
Y no hubo guerra hasta los treinta y cinco años del reino de Asa.

< 2 Berɛsosɛm 15 >