< 2 Berɛsosɛm 1 >

1 Ɔhene Dawid babarima Salomo sɔɔ ahennie no mu den, ɛfiri sɛ Awurade, ne Onyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso. 2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraadɔm ntuanofoɔ, atemmufoɔ, amanyɛ ne mmusua ntuanofoɔ nyinaa. 3 Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔ Gibeon so hɔ baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no asie. Yei yɛ Ntomadan a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ sii wɔ ɛserɛ no so no. 4 Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afiri Kiriat-Yearim de kɔ ntomadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu. 5 Nanso, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur nana a ɔyɛ Uri babarima Besaleel siiɛ no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti, Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ. 6 Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem wɔ so. 7 Ɛda no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!” 8 Salomo buaa Onyankopɔn sɛ, “Wodii mʼagya Dawid nokorɛ na woyɛɛ no adɔeɛ, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene. 9 Na afei Awurade Onyankopɔn, mesrɛ wo di ɛbɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ wode me asi nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asase so mfuturo so ɔhene. 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yie, na hwan koraa na ɔbɛtumi adi wo ɔman kɛseɛ sei so?” 11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛseɛ ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfoɔ, na woammisa ahodeɛ, animuonyam anaa wʼatamfoɔ wuo anaa nkwa tenten, na mmom, wobisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛdi me nkurɔfoɔ so yie enti, 12 mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wobisaeɛ no. Afei, mɛma wo sika, ahodeɛ ne animuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.” 13 Na Salomo firii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔ no so no mu sane kɔɔ Yerusalem kɔdii ɔhene wɔ Israel so. 14 Salomo boaboaa asraadɔm a wɔdɔɔso yie a na nteaseɛnamkafoɔ apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu ka ho ano. Ɔmaa wɔn mu dodoɔ no tenaa nteaseɛnam nkuropɔn mu, na ebi nso tena bɛnee no wɔ Yerusalem. 15 Salomo ɛberɛ so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro aboɔden nnua nso buu so sɛ akyee nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔ ayaase no. 16 Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia. 17 Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo.

< 2 Berɛsosɛm 1 >