< 1 Samuel 30 >

1 Nnansa so, Dawid ne ne mmarima kɔduruu Siklag. Na Amalekfoɔ abɛto ahyɛ Negeb so ahye Siklag pasaa.
When David and his men had come to Ziklag on the third day, the Amalekites had made a raid on the South and on Ziklag, and had struck Ziklag and burned it with fire,
2 Wɔkyekyeree mmaa ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa a ɛyɛ mmɔfra ne mpanin. Wɔankum wɔn mu biara, na mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔeɛ.
and had taken captive the women and all who were in it, both small and great. They didn’t kill any, but carried them off and went their way.
3 Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no hunuu sɛdeɛ Siklag asɛeɛ ne asɛm a ato wɔn abusuafoɔ no,
When David and his men came to the city, behold, it was burned with fire; and their wives, their sons, and their daughters were taken captive.
4 wɔtwaa agyaadwoɔ ara kɔsii sɛ afei na wɔntumi ntwa agyaadwoɔ no bio.
Then David and the people who were with him lifted up their voice and wept until they had no more power to weep.
5 Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔeɛ no ho.
David’s two wives were taken captive, Ahinoam the Jezreelitess, and Abigail the wife of Nabal the Carmelite.
6 Dawid ho yeraa no yie, ɛfiri sɛ, na mmarima no adwene ho sɛ wɔbɛsi no aboɔ, ɛsiane, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa a wɔakyekye wɔn no enti. Nanso, Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.
David was greatly distressed, for the people spoke of stoning him, because the souls of all the people were grieved, every man for his sons and for his daughters; but David strengthened himself in Yahweh his God.
7 Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar, sɛ, “Fa asɔfotadeɛ no brɛ me.” Na Abiatar de baeɛ.
David said to Abiathar the priest, the son of Ahimelech, “Please bring the ephod here to me.” Abiathar brought the ephod to David.
8 Na Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menti ɛdɔm no anaa? Mɛto wɔn anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Aane, ti wɔn. Na biribiara a wɔafa afiri mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.”
David inquired of Yahweh, saying, “If I pursue after this troop, will I overtake them?” He answered him, “Pursue, for you will surely overtake them, and will without fail recover all.”
9 Enti, Dawid ne ne mmarima ahansia no sii ɛkwan so. Ankyɛre biara na wɔduruu Besor asuwa no so.
So David went, he and the six hundred men who were with him, and came to the brook Besor, where those who were left behind stayed.
10 Nanso, mmarima no mu ahanu deɛ, na wɔabrɛbrɛ yie enti, wɔantumi antwa asuo no. Ɛno enti, Dawid de akodɔm ahanan a wɔaka no toaa so.
But David pursued, he and four hundred men; for two hundred stayed behind, who were so faint that they couldn’t go over the brook Besor.
11 Dawid akodɔm no bi hunuu Misraimni barima bi wɔ wiram hɔ na wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no burodo sɛ ɔnni ne nsuo sɛ ɔnnom.
They found an Egyptian in the field, and brought him to David, and gave him bread, and he ate; and they gave him water to drink.
12 Wɔsane maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba abɔnta, ɛfiri sɛ, na hwee nkaa nʼano nnansa awia ne anadwo. Ankyɛre na ɔnyaa ahoɔden.
They gave him a piece of a cake of figs and two clusters of raisins. When he had eaten, his spirit came again to him; for he had eaten no bread, and drank no water for three days and three nights.
13 Dawid bisaa no sɛ, “Hwan onipa ne wo, na wofiri he?” Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ, na meyare.
David asked him, “To whom do you belong? Where are you from?” He said, “I am a young man of Egypt, servant to an Amalekite; and my master left me, because three days ago I got sick.
14 Yɛkɔtuaa Keretifoɔ wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyee Siklag nkyɛreeɛ.”
We made a raid on the South of the Cherethites, and on that which belongs to Judah, and on the South of Caleb; and we burned Ziklag with fire.”
15 Dawid bisaa no sɛ, “Enti, wobɛdi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?” Aberanteɛ no buaa sɛ, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensane mfa me mma me wura deɛ a, ɛnneɛ, mɛdi wʼanim de wo akɔ.”
David said to him, “Will you bring me down to this troop?” He said, “Swear to me by God that you will not kill me and not deliver me up into the hands of my master, and I will bring you down to this troop.”
16 Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfoɔ no atenaeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no duruu hɔ no, na Amalekfoɔ no ahwete wɔ ɛserɛ no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛ resa, ɛfiri sɛ, na wɔanya asadeɛ bebree afiri Filistifoɔ nkyɛn ne Yuda asase so.
When he had brought him down, behold, they were spread around over all the ground, eating, drinking, and dancing, because of all the great plunder that they had taken out of the land of the Philistines, and out of the land of Judah.
17 Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano anadwo mu no nyinaa, kɔsii adekyeeɛ no anwummerɛ. Amalekfoɔ no mu biara antumi annwane, agye mmarima ahanan a wɔtenatenaa nyoma so dwaneeɛ no.
David struck them from the twilight even to the evening of the next day. Not a man of them escaped from there, except four hundred young men who rode on camels and fled.
18 Dawid gyee biribiara a Amalekfoɔ no faeɛ, sane gyee ne yerenom baanu no.
David recovered all that the Amalekites had taken, and David rescued his two wives.
19 Biribiara anyera: sɛ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ, ɔbabarima anaa ɔbabaa anaa biribiara a wɔfom faeɛ no, Dawid de ne nyinaa sane baeɛ.
There was nothing lacking to them, neither small nor great, neither sons nor daughters, neither plunder, nor anything that they had taken. David brought them all back.
20 Nʼakodɔm no kaa nnwan ne anantwie no so, de wɔn baeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Yeinom nyinaa wɔ Dawid sɛ nʼadwuma pa so akatua.”
David took all the flocks and the herds, which they drove before those other livestock, and said, “This is David’s plunder.”
21 Na wɔduruu Besor asuwa no so na wɔhunuu mmarima ahanu a ɔbrɛ dodoɔ enti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyeaa wɔn anigyeɛ so.
David came to the two hundred men, who were so faint that they could not follow David, whom also they had made to stay at the brook Besor; and they went out to meet David, and to meet the people who were with him. When David came near to the people, he greeted them.
22 Nanso, Dawid mmarima no mu asɛmpɛfoɔ bi kaa sɛ, “Wɔne yɛn ankɔ enti, wɔrennya asadeɛ no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔmfiri yɛn ani so nkɔ.”
Then all the wicked men and worthless fellows of those who went with David answered and said, “Because they didn’t go with us, we will not give them anything of the plunder that we have recovered, except to every man his wife and his children, that he may lead them away and depart.”
23 Nanso, Dawid kaa sɛ, “Dabi, anuanom! Monnyɛ deɛ Awurade de ama yɛn no ho pɛsɛmenkomenya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfoɔ so nkonim.
Then David said, “Do not do so, my brothers, with that which Yahweh has given to us, who has preserved us, and delivered the troop that came against us into our hand.
24 Mogye di sɛ sɛ moka no saa a, obi bɛtie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ sa ne wɔn a wɔhwɛ akodeɛ so nyinaa.”
Who will listen to you in this matter? For as his share is who goes down to the battle, so shall his share be who stays with the baggage. They shall share alike.”
25 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Dawid yɛɛ yei mmara, maa Israel nyinaa na wɔgu so di so saa ara de bɛsi ɛnnɛ.
It was so from that day forward that he made it a statute and an ordinance for Israel to this day.
26 Ɛberɛ a Dawid duruu Siklag no, ɔsoma maa wɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanimfoɔ a na wɔyɛ ne nnamfonom kaa sɛ, “Mo akyɛdeɛ a yɛfa firi Awurade atamfoɔ nsam nie.”
When David came to Ziklag, he sent some of the plunder to the elders of Judah, even to his friends, saying, “Behold, a present for you from the plunder of Yahweh’s enemies.”
27 Wɔde akyɛdeɛ no kɔmaa ntuanofoɔ a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafoɔ fam, Yatir.
He sent it to those who were in Bethel, to those who were in Ramoth of the South, to those who were in Jattir,
28 Aroer, Sifmot, Estemoa,
to those who were in Aroer, to those who were in Siphmoth, to those who were in Eshtemoa,
29 Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfoɔ nkuro mu ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ kuro mu,
to those who were in Racal, to those who were in the cities of the Jerahmeelites, to those who were in the cities of the Kenites,
30 ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak,
to those who were in Hormah, to those who were in Borashan, to those who were in Athach,
31 Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa.
to those who were in Hebron, and to all the places where David himself and his men used to stay.

< 1 Samuel 30 >