< 1 Samuel 24 >

1 Saulo ne Filistifoɔ no ko wieeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid hyɛ En-Gedi ɛserɛ so hɔ.” 2 Ɛno enti, Saulo yii mmarima mpensa firii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔɔeɛ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Wiram Mmirekyie Abotan no. 3 Ɔbɛduruu nnwammuo bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekɔgye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri. 4 Mmarima no kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade kaa sɛ, ‘Mede wo ɔtamfoɔ bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no deɛ wopɛ biara’ no”. Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kɔtwaa nʼatadeɛ ano. 5 Na Dawid adwenem antene no sɛ watwa Saulo atadeɛ ano. 6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ musuo sɛ obi mɛtene me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; ɛfiri sɛ, Awurade ankasa na wapa no.” 7 Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo firii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no. 8 Dawid pue baeɛ, teateaam dii nʼakyi sɛ, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase. 9 Afei, ɔteaam, bisaa Saulo sɛ, “Adɛn enti na wotie nkurɔfoɔ ano sɛ merepɛ wo aha wo? 10 Ɛnnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɛfiri sɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me sɛ, menkum wo, nanso mankum wo. Na mekaa sɛ, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obi a Awurade asra no.’ 11 Mʼagya, hwɛ adeɛ a mekura yi. Ɛyɛ wʼatadeɛ sin bi. Metwaeɛ, nanso mankum wo. Yei da no adi pefee sɛ merenha wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me so repɛ me akum me. 12 Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, deɛ woayɛ enti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ deɛ wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me deɛ, merenha wo da. 13 Ɛbɛ no se, ‘Abɔnefoɔ mu na bɔne firi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenha wo. 14 “Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ sɛ ɔkraman funu anaa edwie? 15 Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu deɛ ɔdi bem, na ɔntwe ɛfɔdifoɔ no aso. Ɔno ne me kamafoɔ, na ɔbɛgye me afiri wo tumi ase.” 16 Saulo buaa sɛ, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ. 17 Ɔtoaa so sɛ, “Wotene sene me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me deɛ mayɛ wo bɔne. 18 Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri sɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me. 19 Sɛ obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho. 20 Afei mahunu sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛsi wo ɔhene, na Israel ahemman no bɛdi yie wɔ wo pɛn so. 21 Afei, suae Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wobɛdi adeɛ a, worentwa mʼasefoɔ anaa worempepa me din mfiri mʼagya fie.” 22 Enti, Dawid suae kyerɛɛ Saulo. Na Saulo sane kɔɔ efie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn banbɔeɛ mu.

< 1 Samuel 24 >