< 1 Samuel 2 >

1 Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu! Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ! Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ, na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho. 2 “Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade! Obi bi nka wo ho; Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn. 3 “Gyae ahantansu ne ahomasoɔ no, nkasa wɔ ahantan so saa! Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔnim wo nneyɛeɛ na ɔbɛbu wo deɛ woayɛ no so atɛn. 4 “Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio; na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den. 5 Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn. Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn. Afei, obonini wɔ mma baason, na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no. 6 “Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba; Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom. (Sheol h7585) 7 Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ; ɔbrɛ obi ase na wapagya obi. 8 Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu aane, ɔyi no firi nsosie mu; ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma de wɔn tena animuonyam nkonnua so. “Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea, na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ. 9 Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban, na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu. “Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim; 10 Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn. Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so; Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara. “Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ; deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.” 11 Afei, Elkana ne Hana gyaa Samuel hɔ kɔɔ efie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade ɔboafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔboaa ɔsɔfoɔ Eli. 12 Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade, 13 anaa wɔn asɔfodwuma. Ɛberɛ biara a obi bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no na wɔrenoa ɛnam no, Eli mma no soma ɔsomfoɔ de adinam a ɛwɔ ano mmiɛnsa ba. Ɛberɛ a ɛnam no si ogya so no, 14 ɔsomfoɔ no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ deɛ adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no dea. Wɔde Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɛkwan yi so. 15 Ɛtɔ dabi a, ansa na wɔbɛhye sradeɛ no, ɔsɔfoɔ no ɔsomfoɔ ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ, “Ma ɔsɔfoɔ no ɛnam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo ɛnam a woanoa, na mmom, ɛnam mono nko ara.” 16 Onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no ka sɛ, “Fa dodoɔ biara a wopɛ, nanso sradeɛ no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfoɔ no bɛka sɛ, “Dabi, fa ma me seesei ara, anyɛ saa a, mede tumi bɛfa.” 17 Na saa bɔne a mmeranteɛ yi yɛ yi yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ, na wɔbu Awurade afɔrebɔ no animtia. 18 Samuel deɛ, ɛwom na ɔyɛ abarimaa, nanso na ɔyɛ Awurade ɔboafoɔ. Na wɔde nwera asɔfotadeɛ ahyɛ no te sɛ ɔsɔfoɔ. 19 Afe biara a ne maame ne ne kunu rekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ no, na ne maame pam batakari kumaa bi de kɔma no. 20 Ansa na wɔbɛsane akɔ efie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka sɛ, “Awurade mma ɔbaa yi nwo mma, na ɔmmɛsi deɛ ɔbɔɔ ho mpaeɛ nyaeɛ a ɔde no maa Awurade no ananmu.” 21 Na Awurade maa Hana woo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim. 22 Afei, Eli bɔɔ akɔkoraa, nanso na ɔnim deɛ ne mmammarima no de reyɛ Israelfoɔ. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ, na ɔnim sɛ ne mmammarima no fa mmabaawa a wɔboa ntomadan no ano adwumayɛ no. 23 Eli ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Metete mo ho nsɛm firi ɔmanfoɔ nkyɛn a ɛfa amumuyɛsɛm a modie no ho. Adɛn enti na mokɔ so yɛ bɔne? 24 Me mma, ɛsɛ sɛ mogyae! Mo ho nsɛm a metete firi Awurade nkurɔfoɔ nkyɛn fa mo ho no nyɛ. 25 Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforɔ a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifoɔ no. Nanso, sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hwan na ɔbɛtumi adi agyinamu?” Eli mma no antie wɔn agya no afotuo, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkum wɔn. 26 Na abɔfra Samuel nyiniiɛ, na ɔkɔɔ so nyaa adom firii Awurade ne ɔmanfoɔ nkyɛn. 27 Ɛda koro bi Onyankopɔn onipa bi baa Eli nkyɛn de nkra yi brɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade ka, ‘Manna me ho adi pefee ankyerɛ wʼagya fie ɛberɛ a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no anaa? 28 Israel mmusuakuo no nyinaa mu no, Aaron na meyii no sɛ, ɔnyɛ me ɔsɔfoɔ a ɔbɛkɔ afɔrebukyia anim akɔhye aduhwam, na wahyɛ asɔfotadeɛ wɔ mʼanim. Na mede afɔdeɛ a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfoɔ no. 29 Adɛn enti na motiatia me kum afɔdeɛ ne mʼaduane afɔdeɛ so? Adɛn enti na mobu mo mmammarima sene me? Moawe afɔrebɔdeɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ no mu kyɛfa a ɛyɛ no, na monam so ayeyɛ akɛseɛ!’ 30 “Enti, asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusua fa no bɛyɛ mʼasɔfoɔ, nanso, wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni; na wɔn a wɔbu me animtia no, mɛbɔ wɔn ahohora. 31 Mɛma mo fiefoɔ agyae mʼasɔfodie som no. Mpatuwuo mpa mo fie da na mo mu biara rentena ase nni mfeɛ, mmee. 32 Mode anibereɛ na ɛbɛhwɛ nkɔsoɔ a mede bɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ. Na mo abusuafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛbɔ akɔkoraa. 33 Wɔn a wɔbɛka akyire no bɛtena ase awerɛhoɔ ne ntehem mu. Na wɔn mma bɛwuwu atɔfowuo. 34 “‘Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu saa no enti, mɛma wo mmammarima baanu no a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no awuwu da korɔ mu. 35 Ɛno akyi masi ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛsom me, na wayɛ deɛ mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mɛhyira nʼasefoɔ, na ne fiefoɔ bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefoɔ akɔsi daa. 36 Na wʼasefoɔ nyinaa bɛkoto nʼasefoɔ, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduane. Wɔbɛka sɛ, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfoɔ no mu sɛdeɛ ɛbɛma yɛanya aduane adi, amee.”’”

< 1 Samuel 2 >