< 1 Samuel 18 >

1 Ɛberɛ a Dawid ne Saulo kasa wieeɛ no, ɔhyiaa ɔhene babarima Yonatan. Wɔn baanu no dodɔɔ wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara.
When he had finished speaking to Saul, the soul of Jonathan was knit with the soul of David, and Jonathan loved him as his own soul.
2 Ɛfiri saa ɛda no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfie hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ ne fie.
Saul took him that day, and wouldn’t let him go home to his father’s house any more.
3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo.
Then Jonathan and David made a covenant, because he loved him as his own soul.
4 Na Yonatan de ne batakari, nhyɛaseɛ, akofena, agyan ne abɔwomu maa Dawid de sɔɔ apam no ano.
Jonathan stripped himself of the robe that was on him and gave it to David with his clothing, even including his sword, his bow, and his sash.
5 Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti, Saulo yɛɛ no nʼasraafoɔ so ɔsahene, maa nʼakofoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa de anigyeɛ penee so.
David went out wherever Saul sent him, and behaved himself wisely; and Saul set him over the men of war. It was good in the sight of all the people, and also in the sight of Saul’s servants.
6 Nanso, ɛberɛ a Israelfoɔ nkonimdifoɔ rekɔ fie, na Dawid akum Goliat no, asɛm bi siiɛ. Mmaa fifiri nkuro a ɛbemmɛn ɛkwan no ho no bɛtwee mmomone maa ɔhene Saulo. Wɔtoo nnwom, saa ano, bɔɔ akasaeɛ ne kyankyan.
As they came, when David returned from the slaughter of the Philistine, the women came out of all the cities of Israel, singing and dancing, to meet King Saul with tambourines, with joy, and with instruments of music.
7 Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie: Saulo akum ne mpempem, na Dawid deɛ, ɔpedupedu!
The women sang to one another as they played, and said, “Saul has slain his thousands, and David his ten thousands.”
8 Yei maa Saulo bo fuu yie. Ɔkaa sɛ, “Yei ase ne sɛn? Wɔde ɔpedu ɔpedu abata Dawid din ho, na me deɛ, wɔde mpempem. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, wɔbɛsi no ɔhene.”
Saul was very angry, and this saying displeased him. He said, “They have credited David with ten thousands, and they have only credited me with thousands. What can he have more but the kingdom?”
9 Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.
Saul watched David from that day and forward.
10 Adeɛ kyeeɛ no, nokorɛm, Onyankopɔn honhommɔne sii Saulo so ma ɔhyɛɛ aseɛ kasakasaa ɔhyew so sɛ ɔbɔdamfoɔ. Dawid hyɛɛ aseɛ bɔɔ ne sankuo sɛdeɛ saa asɛm yi si a, ɔyɛ no. Nanso, Saulo a na ɔkura pea no,
On the next day, an evil spirit from God came mightily on Saul, and he prophesied in the middle of the house. David played with his hand, as he did day by day. Saul had his spear in his hand;
11 too pea no prɛko pɛ kyerɛɛ Dawid so sɛ anka ɔde rewɔ no aka no atare fasuo. Nanso, Dawid huri sii nkyɛn na ɔdwaneeɛ. Saa asɛm korɔ yi ara sii bio,
and Saul threw the spear, for he said, “I will pin David to the wall!” David escaped from his presence twice.
12 ɛfiri sɛ na Saulo suro Dawid, na nʼani bere no nso sɛ, Awurade agya no akɔ Dawid afa.
Saul was afraid of David, because the LORD was with him, and had departed from Saul.
13 Ne korakora ne sɛ, Saulo pamoo no firi nʼanim na ɔma ɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafoɔ apem pɛ so. Nanso, Dawid de adwenemuteɛ dii saa akodɔm no anim de wɔn kɔɔ sa.
Therefore Saul removed him from his presence, and made him his captain over a thousand; and he went out and came in before the people.
14 Biribiara a Dawid yɛeɛ no, ɔdii nkonim wɔ mu, ɛfiri sɛ, na Awurade ka ne ho.
David behaved himself wisely in all his ways; and the LORD was with him.
15 Ɛberɛ a Saulo hunuu yei no, ɛmaa ɔsuroo no mmorosoɔ.
When Saul saw that he behaved himself very wisely, he stood in awe of him.
16 Nanso, Israel nyinaa ne Yuda dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi nʼakodɔm anim kɔ sa a, ɔdi nkonim.
But all Israel and Judah loved David; for he went out and came in before them.
17 Ɛda bi Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mepɛ sɛ mede me babaa panin Merab ma wo awadeɛ. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wobɛko Awurade ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Merentene me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifoɔ no na wɔakum no.”
Saul said to David, “Behold, my elder daughter Merab. I will give her to you as wife. Only be valiant for me, and fight the LORD’s battles.” For Saul said, “Don’t let my hand be on him, but let the hand of the Philistines be on him.”
18 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me sɛɛ ne hwan a mɛyɛ ɔhene ase? Me fie, me mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?”
David said to Saul, “Who am I, and what is my life, or my father’s family in Israel, that I should be son-in-law to the king?”
19 Enti, berɛ no duruu sɛ wɔde Saulo babaa Merab ma Dawid awadeɛ no, wɔde no maa Adriel a ɔfiri Meholat awadeɛ.
But at the time when Merab, Saul’s daughter, should have been given to David, she was given to Adriel the Meholathite as wife.
20 Na Saulo babaa Mikal dɔ Dawid, enti ɛberɛ a Saulo teeɛ no, ɛyɛɛ no anigye.
Michal, Saul’s daughter, loved David; and they told Saul, and the thing pleased him.
21 Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase.”
Saul said, I will give her to him, that she may be a snare to him and that the hand of the Philistines may be against him. Therefore Saul said to David a second time, “You shall today be my son-in-law.”
22 Na Saulo hyɛɛ ne nkoa sɛ, “Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’”
Saul commanded his servants, “Talk with David secretly, and say, ‘Behold, the king has delight in you, and all his servants love you. Now therefore be the king’s son-in-law.’”
23 Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa sɛ, “Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?”
Saul’s servants spoke those words in the ears of David. David said, “Does it seem to you a light thing to be the king’s son-in-law, since I am a poor man and little known?”
24 Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no,
The servants of Saul told him, saying, “David spoke like this.”
25 Saulo kaa sɛ, “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara sɛ Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’” Na Saulo adwene ara ne sɛ wɔbɛkum Dawid wɔ akono.
Saul said, “Tell David, ‘The king desires no dowry except one hundred foreskins of the Philistines, to be avenged of the king’s enemies.’” Now Saul thought he would make David fall by the hand of the Philistines.
26 Dawid de anigyeɛ penee adebisa no so. Enti ansa na berɛ no bɛduru no,
When his servants told David these words, it pleased David well to be the king’s son-in-law. Before the deadline,
27 Dawid ne ne mmarima kɔeɛ kɔkumm Filistifoɔ no ahanu. Ɔde wɔn mmarima ano wedeɛ brɛɛ ɔhene. Enti, Saulo de ne babaa Mikal maa Dawid awadeɛ.
David arose and went, he and his men, and killed two hundred men of the Philistines. Then David brought their foreskins, and they gave them in full number to the king, that he might be the king’s son-in-law. Then Saul gave him Michal his daughter as wife.
28 Saulo hunuu sɛ Awurade ka Dawid ho, na ne babaa Mikal nso dɔ Dawid no,
Saul saw and knew that the LORD was with David; and Michal, Saul’s daughter, loved him.
29 Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo ɔtamfoɔ.
Saul was even more afraid of David; and Saul was David’s enemy continually.
30 Ɛberɛ biara a Filistifoɔ akodɔm to hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sene Saulo asahene a wɔaka no. Yei maa Dawid gyee edin asase no so nyinaa.
Then the princes of the Philistines went out; and as often as they went out, David behaved himself more wisely than all the servants of Saul, so that his name was highly esteemed.

< 1 Samuel 18 >