< 1 Ahemfo 22 >

1 Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfeɛ mmiɛnsa.
They continued three years without war between Syria and Israel.
2 Na mfeɛ mmiɛnsa no mu, ɔhene Yehosafat a ɔdi adeɛ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn.
In the third year, Jehoshaphat the king of Judah came down to the king of Israel.
3 Na Ahab abisa ne mpanimfoɔ sɛ, “Moahunu sɛ Aramfoɔ da so te yɛn kuro Ramot Gilead mu? Nanso, yɛnyɛɛ ho hwee!”
The king of Israel said to his servants, “You know that Ramoth Gilead is ours, and we do nothing, and don’t take it out of the hand of the king of Syria?”
4 Enti ɔbisaa Yehosafat sɛ, “Wobɛka me ho, na yɛako atia Ramot Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab sɛ, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea, sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.”
He said to Jehoshaphat, “Will you go with me to battle to Ramoth Gilead?” Jehoshaphat said to the king of Israel, “I am as you are, my people as your people, my horses as your horses.”
5 Na Yehosafat ka kaa ho sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.”
Jehoshaphat said to the king of Israel, “Please inquire first for Yahweh’s word.”
6 Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ a wɔn dodoɔ bɛyɛ ahanan no nyinaa, bisaa wɔn sɛ, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?” Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim animuonyam so.”
Then the king of Israel gathered the prophets together, about four hundred men, and said to them, “Should I go against Ramoth Gilead to battle, or should I refrain?” They said, “Go up; for the Lord will deliver it into the hand of the king.”
7 Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Enti, Awurade odiyifoɔ biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mebisa no saa asɛm korɔ no ara.”
But Jehoshaphat said, “Isn’t there here a prophet of Yahweh, that we may inquire of him?”
8 Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Awurade odiyifoɔ baako da so wɔ ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.” Na Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.”
The king of Israel said to Jehoshaphat, “There is yet one man by whom we may inquire of Yahweh, Micaiah the son of Imlah; but I hate him, for he does not prophesy good concerning me, but evil.” Jehoshaphat said, “Don’t let the king say so.”
9 Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.”
Then the king of Israel called an officer, and said, “Quickly get Micaiah the son of Imlah.”
10 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.
Now the king of Israel and Jehoshaphat the king of Judah were sitting each on his throne, arrayed in their robes, in an open place at the entrance of the gate of Samaria; and all the prophets were prophesying before them.
11 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn.”
Zedekiah the son of Chenaanah made himself horns of iron, and said, “Yahweh says, ‘With these you will push the Syrians, until they are consumed.’”
12 Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.”
All the prophets prophesied so, saying, “Go up to Ramoth Gilead and prosper; for Yahweh will deliver it into the hand of the king.”
13 Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Tie, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ nkonimdie ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdie ho nkɔm.”
The messenger who went to call Micaiah spoke to him, saying, “See now, the prophets declare good to the king with one mouth. Please let your word be like the word of one of them, and speak good.”
14 Nanso, Mikaia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.”
Micaiah said, “As Yahweh lives, what Yahweh says to me, that I will speak.”
15 Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ahennimu no, Ahab bisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Na Mikaia buaa sɛ, “Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim animuonyam so.”
When he had come to the king, the king said to him, “Micaiah, shall we go to Ramoth Gilead to battle, or shall we forbear?” He answered him, “Go up and prosper; and Yahweh will deliver it into the hand of the king.”
16 Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?”
The king said to him, “How many times do I have to adjure you that you speak to me nothing but the truth in Yahweh’s name?”
17 Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu, mehunuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔ no so, te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ efie asomdwoeɛ mu.’”
He said, “I saw all Israel scattered on the mountains, as sheep that have no shepherd. Yahweh said, ‘These have no master. Let them each return to his house in peace.’”
18 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka saa ankyerɛ wo? Ɛda biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔntorɔ na ɔhyɛ fa me ho.”
The king of Israel said to Jehoshaphat, “Didn’t I tell you that he would not prophesy good concerning me, but evil?”
19 Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka. Mehunuu Awurade sɛ ɔte nʼahennwa so a ne sorofoɔ akodɔm nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.”
Micaiah said, “Therefore hear Yahweh’s word. I saw Yahweh sitting on his throne, and all the army of heaven standing by him on his right hand and on his left.
20 Na Awurade bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ɛbɛtumi aba sɛ wɔbɛkum no wɔ hɔ?” Wɔsusuu nsɛm ahodoɔ bebree ho wɔ hɔ,
Yahweh said, ‘Who will entice Ahab, that he may go up and fall at Ramoth Gilead?’ One said one thing, and another said another.
21 kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, “Mɛtumi ayɛ!”
A spirit came out and stood before Yahweh, and said, ‘I will entice him.’
22 Awurade bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei?” Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim.
Yahweh said to him, ‘How?’ He said, ‘I will go out and will be a lying spirit in the mouth of all his prophets.’ He said, ‘You will entice him, and will also prevail. Go out and do so.’
23 “Enti afei, Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ anomu. Na Awurade adwene ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ama wo.”
Now therefore, behold, Yahweh has put a lying spirit in the mouth of all these your prophets; and Yahweh has spoken evil concerning you.”
24 Ɛnna Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Ɔbisaa no sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom firii me mu, bɛkasa kyerɛɛ wo?”
Then Zedekiah the son of Chenaanah came near and struck Micaiah on the cheek, and said, “Which way did Yahweh’s Spirit go from me to speak to you?”
25 Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.”
Micaiah said, “Behold, you will see on that day when you go into an inner room to hide yourself.”
26 Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kuro no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn.
The king of Israel said, “Take Micaiah, and carry him back to Amon the governor of the city and to Joash the king’s son.
27 Monka saa nhyɛ a ɛfiri ɔhene nkyɛn nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase, na burodo ne nsuo nko na momfa mma no nni, kɔsi sɛ mɛsane afiri akono aba asomdwoeɛ mu.’”
Say, ‘The king says, “Put this fellow in the prison, and feed him with bread of affliction and with water of affliction, until I come in peace.”’”
28 Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ wosane ba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no sɛ, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nso.”
Micaiah said, “If you return at all in peace, Yahweh has not spoken by me.” He said, “Listen, all you people!”
29 Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Ramot-Gilead so.
So the king of Israel and Jehoshaphat the king of Judah went up to Ramoth Gilead.
30 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakyera me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu me. Nanso, wo deɛ, hyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sakyeraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
The king of Israel said to Jehoshaphat, “I will disguise myself and go into the battle, but you put on your robes.” The king of Israel disguised himself and went into the battle.
31 Saa ɛberɛ no, na Aramhene ahyɛ ne nteaseɛnamkafoɔ aduasa mmienu no sɛ, “Monto nhyɛ Israelhene nko ara so!”
Now the king of Syria had commanded the thirty-two captains of his chariots, saying, “Don’t fight with small nor great, except only with the king of Israel.”
32 Enti, ɛberɛ a Aramhene nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ no, wɔtaa no. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene no ne no.” Nanso, ɛberɛ a Yehosafat teaam no,
When the captains of the chariots saw Jehoshaphat, they said, “Surely that is the king of Israel!” and they came over to fight against him. Jehoshaphat cried out.
33 nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no enti, wɔgyaa nʼakyidie.
When the captains of the chariots saw that it was not the king of Israel, they turned back from pursuing him.
34 Aram sraani bi de anibiannasoɔ too agyan kyerɛɛ Israel asraafoɔ no so, ma ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkataboɔ ahyiaeɛ so. Ahab teaam kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Fa me firi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.”
A certain man drew his bow at random, and struck the king of Israel between the joints of the armor. Therefore he said to the driver of his chariot, “Turn around, and carry me out of the battle, for I am severely wounded.”
35 Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab tweree biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no. Mogya tuu no firi nʼapirakuro no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwunu dwoeɛ no, ɔwuiɛ.
The battle increased that day. The king was propped up in his chariot facing the Syrians, and died at evening. The blood ran out of the wound into the bottom of the chariot.
36 Onwunu reyɛ adwo no, wɔteateaam faa akodɔm no nyinaa mu sɛ: “Ɔko no aba awieeɛ. Monsane nkɔ efie!”
A cry went throughout the army about the going down of the sun, saying, “Every man to his city, and every man to his country!”
37 Na ɔhene no wuiɛ no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kɔsiee no wɔ hɔ.
So the king died, and was brought to Samaria; and they buried the king in Samaria.
38 Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a adwamanfoɔ dware hɔ, na nkraman bɛtaferee ɔhene no mogya no, sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.
They washed the chariot by the pool of Samaria; and the dogs licked up his blood where the prostitutes washed themselves, according to Yahweh’s word which he spoke.
39 Nsɛm a ɛfa Ahab ahennie ho ne asonse ahemfie ho asɛm ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Now the rest of the acts of Ahab, and all that he did, and the ivory house which he built, and all the cities that he built, aren’t they written in the book of the chronicles of the kings of Israel?
40 Ɛberɛ a Ahab wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
So Ahab slept with his fathers; and Ahaziah his son reigned in his place.
41 Asa babarima Yehosafat bɛdii Yuda so ɛberɛ a na Ahab adi adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ ɛnan so no.
Jehoshaphat the son of Asa began to reign over Judah in the fourth year of Ahab king of Israel.
42 Ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa.
Jehoshaphat was thirty-five years old when he began to reign; and he reigned twenty-five years in Jerusalem. His mother’s name was Azubah the daughter of Shilhi.
43 Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ.
He walked in all the way of Asa his father. He didn’t turn away from it, doing that which was right in Yahweh’s eyes. However, the high places were not taken away. The people still sacrificed and burned incense on the high places.
44 Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoeɛ mu.
Jehoshaphat made peace with the king of Israel.
45 Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahennie ho nkaeɛ no, faako a ne tumi kɔduruiɛ ne ako a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Now the rest of the acts of Jehoshaphat, and his might that he showed, and how he fought, aren’t they written in the book of the chronicles of the kings of Judah?
46 Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so bɔ adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa.
The remnant of the sodomites, that remained in the days of his father Asa, he put away out of the land.
47 Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko.
There was no king in Edom. A deputy ruled.
48 Yehosafat yɛɛ adwadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sikakɔkɔɔ. Nanso, ahyɛn no antumi anyɛ adwuma, ɛsɛee wɔ Esion-Geber.
Jehoshaphat made ships of Tarshish to go to Ophir for gold, but they didn’t go, for the ships wrecked at Ezion Geber.
49 Saa ɛberɛ no, Ahab babarima Ahasia susuu ho kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ ɛpo so akwan nsrahwɛ.” Nanso, Yehosafat ampene so.
Then Ahaziah the son of Ahab said to Jehoshaphat, “Let my servants go with your servants in the ships.” But Jehoshaphat would not.
50 Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Jehoshaphat slept with his fathers, and was buried with his fathers in his father David’s city. Jehoram his son reigned in his place.
51 Ahab babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɛberɛ a na Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ mmienu.
Ahaziah the son of Ahab began to reign over Israel in Samaria in the seventeenth year of Jehoshaphat king of Judah, and he reigned two years over Israel.
52 Na ɔfaa nʼagya ne ne maame ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, somm ahoni, yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
He did that which was evil in Yahweh’s sight, and walked in the way of his father, and in the way of his mother, and in the way of Jeroboam the son of Nebat, in which he made Israel to sin.
53 Ɔsomm Baal, sɔree no, nam so fuu Awurade, Israel Onyankopɔn, bo sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no.
He served Baal and worshiped him, and provoked Yahweh, the God of Israel, to anger in all the ways that his father had done so.

< 1 Ahemfo 22 >