< 1 Ahemfo 12 >

1 Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri sɛ, na Israelfoɔ nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekɔsi no ɔhene.
Roboam udał się do Sychem, gdyż do Sychem przybył cały Izrael, aby ustanowić go królem.
2 Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri sɛ ɔdwane firii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim.
I gdy usłyszał [o tym] Jeroboam, syn Nebata, który był jeszcze w Egipcie (bo uciekł przed królem Salomonem i zamieszkał w Egipcie);
3 Enti, Israel mpanimfoɔ soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na Israel nnipadɔm no nyinaa kɔɔ Rehoboam nkyɛn, ne no kɔkasaeɛ sɛ,
Posłano [po niego] i wezwano go. Jeroboam oraz całe zgromadzenie Izraela przybyli więc i przemówili do Roboama:
4 “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.”
Twój ojciec włożył na nas ciężkie jarzmo. Teraz więc ty ulżyj [nam] w srogiej służbie swego ojca i w jego ciężkim jarzmie, które włożył na nas, a będziemy ci służyć.
5 Rehoboam buaa sɛ, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmɛgye me mmuaeɛ.” Enti, nnipa no sane kɔeɛ.
Odpowiedział im: Odejdźcie i wróćcie do mnie po trzech dniach. I lud odszedł.
6 Na ɔhene Rehoboam ne ne mpanimfoɔ a wɔsom nʼagya Salomo ɛberɛ a ɔte ase no tuu asɛm no ho agyina. Ɔbisaa mpanimfoɔ no sɛ, “Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”
Wtedy król Roboam radził się starszych, którzy stawali przed Salomonem, jego ojcem, gdy jeszcze żył, i zapytał: Jak doradzacie odpowiedzieć temu ludowi?
7 Wɔbuaa no sɛ, “Sɛ ɛnnɛ yi, wopɛ sɛ woyɛ ɔsomfoɔ ma saa nnipa yi, na woma wɔn mmuaeɛ pa a, ɛnneɛ, daa wɔbɛsom wo nokorɛ mu.”
Odpowiedzieli mu: Jeśli dziś staniesz się sługą tego ludu i będziesz mu służył, a dając odpowiedź, będziesz mówił do nich łagodne słowa, to będą twoimi sługami przez wszystkie dni.
8 Nanso Rehoboam amfa afotuo a mpanimfoɔ no tuu no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfoɔ mmabunu bi a ɔne wɔn sii so a na wɔtu no fo no nkyɛn.
Ale on odrzucił radę starszych, którą mu dali, i radził się młodzieńców, którzy razem z nim wzrośli i którzy stawali przed nim;
9 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso mo adwene ne sɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ mete adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?”
I zapytał ich: A co wy radzicie odpowiedzieć temu ludowi, który poprosił mnie: Ulżyj [nam] w jarzmie, które włożył na nas twój ojciec.
10 Nʼatipɛnfoɔ mmabunu buaa no sɛ, “Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no sɛ, ‘Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; sɛ modwene sɛ ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.’
Wtedy młodzieńcy, którzy razem z nim wzrośli, odpowiedzieli mu: Tak odpowiesz temu ludowi, który mówił do ciebie: Twój ojciec włożył na nas ciężkie jarzmo, ale ty ulżyj nam; tak im powiesz: Mój mały [palec] jest grubszy niż biodra mojego ojca.
11 Aane, mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.”
Teraz więc, chociaż mój ojciec nałożył na was ciężkie jarzmo, ja dołożę do waszego jarzma. Mój ojciec karcił was biczami, ale ja będę was karcił skorpionami.
12 Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa sɛ wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no.
Przyszedł więc Jeroboam i cały lud do Roboama trzeciego dnia, tak jak król nakazał, mówiąc: Wróćcie do mnie na trzeci dzień.
13 Ɔhene no buaa nnipa no abufuo so. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo no;
I król dał ludowi surową odpowiedź, gdyż odrzucił radę starszych, którą mu dali;
14 ɔfaa mmabunu no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.”
I przemówił do niego według rady młodzieńców, mówiąc: Mój ojciec obciążył was ciężkim jarzmem, ale ja dołożę do waszego jarzma. Mój ojciec karcił was biczami, ale ja będę was karcił skorpionami.
15 Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.
Król nie usłuchał więc ludu. Sprawa bowiem wyszła od PANA, aby spełnił swoje słowo, które PAN wypowiedział przez Achiasza Szilonitę do Jeroboama, syna Nebata.
16 Ɛberɛ a Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ! Yɛne Yisai babarima no nni hwee yɛ! Israel, momma yɛnkɔ yɛn nkyi! Dawid, hwɛ wʼankasa wo fie so!” Enti, Israelfoɔ no sane kɔɔ wɔn fie.
A gdy cały Izrael zobaczył, że król go nie usłuchał, lud odpowiedział królowi: Jakiż dział mamy w Dawidzie? Nie mamy dziedzictwa w synu Jessego. Do swoich namiotów, o Izraelu! A ty, Dawidzie, troszcz się teraz o swój dom. I rozszedł się Izrael do swoich namiotów.
17 Na Rehoboam toaa so dii Israelfoɔ a wɔtenaa Yuda nkuro so no nyinaa so ɔhene.
Roboam zaś królował [tylko] nad synami Izraela, którzy mieszkali w miastach Judy.
18 Na ɔhene Rehoboam somaa Adoram a na ɔtua adwumayɛfoɔ ano no sɛ ɔnkɔhwɛ, na asomdwoeɛ mmra, nanso Israel nyinaa sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm yi no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem.
Wtedy król Roboam posłał Adorama, który był poborcą, ale cały Izrael ukamienował go tak, że umarł. Król Roboam wsiadł więc w pośpiechu na rydwan i uciekł do Jerozolimy.
19 Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni bɛdi wɔn so, de bɛsi ɛnnɛ.
W ten sposób Izrael zbuntował się przeciwko domowi Dawida i trwa to aż do dziś.
20 Ɛberɛ a Israelfoɔ tee sɛ Yeroboam firi Misraim asane aba no, wɔyɛɛ nhyiamu, sii no ɔhene wɔ Israel nyinaa so. Enti, Yuda abusuakuo no nko ara na wɔkaeɛ, somm Dawid fie nokorɛ mu.
Gdy cały Izrael usłyszał o tym, że Jeroboam wrócił, posłali [po niego], wezwali go do zgromadzenia i ustanowili go królem nad całym Izraelem. Przy domu Dawida nie pozostał nikt oprócz pokolenia Judy.
21 Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm ano. Ɔyii akofoɔ mpem ɔha ne aduɔwɔtwe, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wɔafa ahemman no adi so.
A gdy Roboam przybył do Jerozolimy, zebrał cały dom Judy i pokolenie Beniamina, [razem] sto osiemdziesiąt tysięcy doborowych wojowników, aby walczyć z domem Izraela i przywrócić królestwo Roboamowi, synowi Salomona.
22 Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Semaia, Onyankopɔn onipa no sɛ,
Lecz słowo Boże doszło do Szemajasza, męża Bożego:
23 “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam, Yudahene ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Benyamin sɛ,
Powiedz Roboamowi, synowi Salomona, królowi Judy, całemu domowi Judy i Beniamina i reszcie ludu:
24 ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, Mo ne mo nuanom Israelfoɔ nntwa mo ho nko. Monsane nkɔ mo akyi, na deɛ asi no nyinaa firi me!’” Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, sane kɔɔ wɔn fie sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
Tak mówi PAN: Nie wyruszajcie ani nie walczcie ze swoimi braćmi, synami Izraela. Niech każdy wróci do swego domu, bo ta rzecz wyszła ode mnie. I posłuchali rozkazu PANA, i wrócili zgodnie ze słowem PANA.
25 Yeroboam kyekyeree Sekem kuro wɔ Efraim bepɔ asase so, ma ɛbɛyɛɛ ne kuropɔn. Akyire yi, ɔkɔkyekyeree kuro Penuel.
Potem Jeroboam zbudował Sychem na górze Efraim i zamieszkał w nim. Następnie wyszedł stamtąd i zbudował Penuel.
26 Yeroboam dwenee ho dinn, see nʼakomam sɛ, “Sɛ manhwɛ yie a, ahemman no bɛsane akɔ Dawid fiefoɔ adedifoɔ nsam.
Wtedy Jeroboam powiedział sobie w sercu: Wkrótce królestwo powróci do domu Dawida;
27 Na sɛ wɔkɔ Yerusalem, kɔbɔ afɔdeɛ wɔ Awurade Asɔredan mu nso a, wɔbɛsom Yudahene Rehoboam. Ɛba saa a, wɔbɛkum me, de ɔno mmom asi wɔn so ɔhene.”
Bo jeśli lud będzie chodził na składanie ofiary do domu PANA w Jerozolimie, to serce tego ludu zwróci się do swego pana, [do] Roboama, króla Judy. Zabiją mnie i powrócą do Roboama, króla Judy.
28 Enti, ɔtiee deɛ nʼafotufoɔ ka, na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ anantwie mma mmienu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ɛyɛ ɔbrɛ bebree sɛ mobɛforo akɔ Yerusalem akɔsom. Ɛno enti, Israel, yeinom ne anyame a wɔyii mo firii Misraim!”
Król zasięgnął więc rady, po czym sporządził dwa złote cielce i powiedział ludowi: Dość już waszego chodzenia do Jerozolimy. Oto twoi bogowie, Izraelu, którzy cię wyprowadzili z ziemi Egiptu.
29 Ɔde nantwie mma ahoni yi sisii Israel anafoɔ ne atifi, wɔ Bet-El ne Dan.
I postawił jednego w Betel, a drugiego umieścił w Dan.
30 Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, ɛfiri sɛ, nnipa no somm ahoni no, a na mpo wɔtwa ɛkwan kɔ Dan.
I stało się to [przyczyną] grzechu, bo lud chodził do jednego z nich, aż do Dan.
31 Yeroboam sisii abosonnan wɔ nkokoɔ so, na ɔpaa asɔfoɔ firii nnipa no mu a na wɔmfiri Lewi asɔfoɔ abusua mu.
Pobudował też dom na wyżynach i ustanowił kapłanów spośród pospólstwa, którzy nie pochodzili od synów Lewiego.
32 Yeroboam hyehyɛɛ nyamesom dapɔnna wɔ Bet-El a na wɔdi saa nna no Bul bosome (bɛyɛ Ahinime) mu a na ɛte sɛ Yuda Dwanekɔbea Afahyɛ no ara. Bet-El hɔ na ɔno ankasa bɔɔ afɔdeɛ maa anantwie mma ahoni a wayɛ no. Na Bet-El hɔ ara nso, na ɔpaa asɔfoɔ, maa abosomfie a ɔsisiiɛ no.
Następnie Jeroboam ustanowił święto w ósmym miesiącu, piętnastego dnia [tego] miesiąca, na wzór święta, które [obchodzono] w Judzie, i składał ofiary na ołtarzu. Tak uczynił w Betel, składając ofiary cielcom, które sporządził. Ustanowił też w Betel kapłanów wyżyn, które pobudował.
33 Na ɔno ankasa yii da bi too hɔ, Bul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mfimfini mu hɔ, na Yeroboam kɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so wɔ Bet-El. Ɔhyɛɛ anyamesom afahyɛ ase maa Israel, na ɔforo kɔɔ afɔrebukyia no so kɔhyee aduhwam.
Tak więc składał ofiary na ołtarzu, który sporządził w Betel, piętnastego dnia ósmego miesiąca, w tym miesiącu, który sobie wymyślił, i ustanowił święto dla synów Izraela. I przystąpił do ołtarza, aby spalić kadzidło.

< 1 Ahemfo 12 >