< 1 Korintofoɔ 1 >

1 Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn,
Paul, called [to be] an apostle of Jesus Christ through the will of God, and Sosthenes [our] brother,
2 Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:
To the church of God which is at Corinth, to them that are sanctified in Christ Jesus, called [to be] saints, with all that in every place call upon the name of Jesus Christ our Lord, both theirs and ours.
3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
Grace [be] to you, and peace from God our Father, and [from] the Lord Jesus Christ.
4 Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.
I thank my God always on your behalf, for the grace of God which is given you by Jesus Christ;
5 Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu.
That in every thing ye are enriched by him, in all utterance, and [in] all knowledge;
6 Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu,
Even as the testimony of Christ was confirmed in you:
7 ɛno enti, ɛsiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no enti, nhyira biara, monya bi.
So that ye come behind in no gift; waiting for the coming of our Lord Jesus Christ:
8 Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara.
Who will also confirm you to the end, [that ye may be] blameless in the day of our Lord Jesus Christ.
9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ.
God [is] faithful, by whom ye were called to the fellowship of his Son Jesus Christ our Lord.
10 Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako.
Now I beseech you, brethren, by the name of our Lord Jesus Christ, that ye all speak the same thing, and [that] there be no divisions among you; but [that] ye be perfectly joined together in the same mind, and in the same judgment.
11 Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe efie apae mu aka akyerɛ me sɛ, akasakasa wɔ mo asafo yi mu.
For it hath been declared to me concerning you, my brethren, by them [who are of the house] of Chloe, that there are contentions among you.
12 Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Yei ka sɛ, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforɔ sɛ, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ɔse, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”
Now this I say, that every one of you saith, I am of Paul; and I of Apollos; and I of Cephas; and I of Christ.
13 Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafoɔ anaa?
Is Christ divided? was Paul crucified for you? or were ye baptized in the name of Paul?
14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho.
I thank God that I baptized none of you, but Crispus and Gaius;
15 Obiara rentumi nka sɛ wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafoɔ.
Lest any should say that I had baptized in my own name.
16 Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforɔ asu bio.
And I baptized also the household of Stephanas; besides, I know not whether I baptized any other.
17 Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa.
For Christ hath not sent me to baptize, but to preach the gospel: not with wisdom of words, lest the cross of Christ should be made of no effect.
18 Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi.
For the preaching of the cross is to them that perish, foolishness; but to us who are saved, it is the power of God.
19 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”
For it is written, I will destroy the wisdom of the wise, and will bring to nothing the understanding of the prudent.
20 Enti, onyansafoɔ wɔ he? Onimdefoɔ nso wɔ he? Ewiase yi mu akyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase yi mu nyansa yɛ ohunu. (aiōn g165)
Where [is] the wise? where [is] the scribe? where [is] the disputer of this world? hath not God made foolish the wisdom of this world? (aiōn g165)
21 Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa.
For when in the wisdom of God the world by wisdom knew not God, it pleased God by the foolishness of preaching to save them that believe.
22 Yudafoɔ hwehwɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa.
For the Jews require a sign, and the Greeks seek wisdom:
23 Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ;
But we preach Christ crucified, to the Jews a stumbling-block, and to the Greeks foolishness;
24 nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa.
But to them who are called, both Jews and Greeks, Christ the power of God, and the wisdom of God.
25 Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden.
Because the foolishness of God is wiser than men; and the weakness of God is stronger than men.
26 Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso.
For ye see your calling, brethren, that not many wise men after the flesh, not many mighty, not many noble [are called]:
27 Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase.
But God hath chosen the foolish things of the world to confound the wise; and God hath chosen the weak things of the world to confound the things which are mighty;
28 Ɔfaa deɛ ewiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ ewiase susu sɛ ɛho hia no.
And base things of the world, and things which are despised, hath God chosen, and things which are not, to bring to naught things that are:
29 Yei kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.
That no flesh should glory in his presence.
30 Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho.
But of him are ye in Christ Jesus, who from God is made to us wisdom, and righteousness, and sanctification, and redemption:
31 Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ deɛ Awurade ayɛ mu.”
That, according as it is written, He that glorieth, let him glory in the Lord.

< 1 Korintofoɔ 1 >