< 1 Korintofoɔ 1 >

1 Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn, 2 Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no: 3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo. 4 Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. 5 Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. 6 Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu, 7 ɛno enti, ɛsiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no enti, nhyira biara, monya bi. 8 Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara. 9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ. 10 Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako. 11 Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe efie apae mu aka akyerɛ me sɛ, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. 12 Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Yei ka sɛ, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforɔ sɛ, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ɔse, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.” 13 Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafoɔ anaa? 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. 15 Obiara rentumi nka sɛ wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafoɔ. 16 Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforɔ asu bio. 17 Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa. 18 Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.” 20 Enti, onyansafoɔ wɔ he? Onimdefoɔ nso wɔ he? Ewiase yi mu akyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase yi mu nyansa yɛ ohunu. (aiōn g165) 21 Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa. 22 Yudafoɔ hwehwɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa. 23 Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ; 24 nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. 25 Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden. 26 Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso. 27 Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. 28 Ɔfaa deɛ ewiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ ewiase susu sɛ ɛho hia no. 29 Yei kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 30 Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho. 31 Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ deɛ Awurade ayɛ mu.”

< 1 Korintofoɔ 1 >