< 1 Berɛsosɛm 27 >

1 Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan. Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:
Now, the sons of Israel—as to the number of them, the ancestral chiefs—and rulers of thousands and hundreds, and their officers who waited upon the king as to any matter of the courses, who came in and went out month by month, for all the months of the year, in each course, were twenty-four thousand.
2 Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ ekuo a ɛdi ɛkan no sahene, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛdi ɛkan wɔ afe no mu. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
Over the first course, for the first month, was Jashobeam, son of Zabdiel, —and, in his course, were twenty-four thousand.
3 Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa so bosome a ɛdi ɛkan no mu.
Of the sons of Perez, was the chief for all the rulers of the hosts, for the first month.
4 Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmienu a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan, a na Miklot yɛ nʼabadiakyire.
And, over the course for the second month, was Dodai an Ahohite, and, of his course, was Mikloth also a chief ruler, —and, in his course, were twenty-four thousand.
5 Ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
The ruler of the third host, for the third month, was Benaiah, son of Jehoiada the priest—a chief, —and, in his course, were twenty-four thousand.
6 Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafoɔ akunini kuo, a na wɔfrɛ wɔn Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabadiakyire.
The same Benaiah, was a hero of thirty, and over the thirty, —and, over his course, was Ammizabad his son.
7 Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so ɛnan, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so ɛnan mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan. Asahel babarima Sebadia na ɔdii nʼadeɛ.
The fourth, for the fourth month, was Asahel, brother of Joab, and Zebadiah his son, after him, —and, in his course, were twenty-four thousand.
8 Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so enum, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so enum mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
Of the fifth, for the fifth month, the ruler, was Shamhuth the Izrahite, —and, in his course, were twenty-four thousand.
9 Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nsia, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nsia mu no sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
The sixth, for the sixth month, was Ira son of Ikkesh, the Tekoite, —and, in his course, were twenty-four thousand.
10 Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ɔfiri Pelon no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nson, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nson mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
The seventh, for the seventh month, was Helez the Pelonite, of the sons of Ephraim, —and, in his course, were twenty-four thousand.
11 Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ɔfiri Husa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nwɔtwe, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
The eighth, for the eighth month, was Sibbecai the Hushathite, of the Zerahites, —and, in his course, were twenty-four thousand.
12 Abieser a na ɔfiri Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nkron, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nkron mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
The ninth, for the ninth month, was Abiezer the Anathothite, of the Benjamites, —and, in his course, were twenty-four thousand.
13 Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ɔfiri Netofa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so edu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so edu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
The tenth, for the tenth month, was Maharai the Netophathite, of the Zerahites, —and, in his course, were twenty-four thousand.
14 Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
The eleventh, for the eleventh month, was Benaiah the Pirathonite, of the sons of Ephraim, —and, in his course, were twenty-four thousand.
15 Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
The twelfth, for the twelfth month, was Heldai the Netophathite, of Othniel, —and, in his course, were twenty-four thousand.
16 Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie: Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser; Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia;
Furthermore, over the tribes of Israel, the chief ruler of the Reubenites, was Eliezer, son of Zichri. Of the Simeonites, Shephatiah, son of Maacah.
17 Lewi abusuakuo: Kemuel babarima Hasabia Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok;
Of Levi, Hashabiah, son of Kemuel. Of Aaron, Zadok.
18 Yuda abusuakuo: Dawid nuabarima Elihu; Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri;
Of Judah, Elihu, one of the brethren of David. Of Issachar, Omri, son of Michael.
19 Sebulon abusuakuo: Obadia babarima Yismaia; Naftali abusuakuo: Asriel babarima Yerimot;
Of Zebulun, Ishmaiah, son of Obadiah. Of Naphtali, Jeremoth, son of Azriel.
20 Efraim abusuakuo: Asasia babarima Hosea; Manase (atɔeɛ fam) abusuakuo: Pedaia babarima Yoɛl;
Of the sons of Ephraim, Hoshea son of Azaziah. Of the half tribe of Manasseh, Joel, son of Pedaiah.
21 Manase (apueeɛ fam) abusuakuo Sakaria babarima Ido; Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel;
Of the half of Manasseh, in Gilead, Iddo, son of Zechariah. Of Benjamin, Jaasiel, son of Abner.
22 Dan abusuakuo: Yeroham babarima Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ.
Of Dan, Azarel, son of Jeroham. These, were the rulers of the tribes of Israel.
23 Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.
But David took not the number of them, from twenty years old, and under, —because Yahweh had said, he would multiply Israel like the stars of the heavens.
24 Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
Joab son of Zeruiah, began to number, but finished not, when there arose, on this account, indignation against Israel, —neither did the number come up into the account of the chronicles of King David.
25 Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so. Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
And, over the treasuries of the king, was Azmaveth, son of Adiel. And, over the treasuries in the fields, in the cities, in the villages and in the castles, was Jonathan, son of Uzziah;
26 Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so.
And, over the workers of the field, for the tillage of the ground, was Ezri, son of Chelub.
27 Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so. Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so.
And, over the vineyards, was Shimei, the Ramathite. And, over that which was in the vineyards, for the treasuries of wine, was Zabdi, the Shiphmite.
28 Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so. Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
And, over the olive-trees and the sycamore-trees that were in the lowland, was Baal-hanan the Gederite. And, over the treasuries of oil, was Joash.
29 Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so.
And, over the herds that pastured in Sharon, was Shitrai, the Sharonite. And, over the herds in the vales, Shaphat, son of Adlai.
30 Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so. Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.
And, over the camels, was Obil, the Ishmaelite. And, over the asses, was Jehdeyahu the Meronothite.
31 Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so. Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so.
And, over the flocks, was Jaziz, the Hagrite. All these, were rulers over the possessions that belonged to King David.
32 Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu. Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ.
And, Jonathan the relative of David, was a counsellor, a man of understanding and a scribe, was he. And, Jehiel son of Hachmoni, was with the sons of the king.
33 Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ. Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo.
And, Ahitophel, was counsellor to the king. And, Hushai the Archite, was the companion of the king.
34 Benaia babarima Yehoiada na ɔdii Ahitofel adeɛ na Abiatar bɛtoaa adedie no so. Yoab na na ɔyɛ Israel akodɔm so sahene.
And, after Ahitophel, was Jehoiada son of Benaiah—and Abiathar. And, the captain of the king’s army, was Joab.

< 1 Berɛsosɛm 27 >