< 1 Berɛsosɛm 25 >

1 Dawid ne asahene no yiyii mmarima firii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa nsankuten, mmɛnta ne kyankyan mmɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. Wɔn din ne wɔn nnwuma na ɛdidi soɔ yi: 2 Na Asaf mmammarima no nie: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. 3 Na Yedutun wɔ mmammarima a wɔn nie: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya Yedutun ase. Ɔno na ɔnam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade de bɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. 4 Na Heman mmammarima din nie: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot. 5 Yeinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene nkɔmhyɛni no mmammarima. Onyankopɔn domm no mmammarima dunan ne mmammaa baasa. 6 Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fie. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten wɔ Onyankopɔn fie. Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase. 7 Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ. 8 Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwomtofoɔ tuatuaa nnwuma ahodoɔ ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abɔfra anaa ɔpanin, ɔkyerɛkyerɛfoɔ anaa osuani. 9 Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yosef a ɔfiri Asaf abusua mu, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Gedalia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 10 Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Sakur, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 11 Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Yisri, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 12 Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Netania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 13 Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Bukia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 14 Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Yesarela, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 15 Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Yesaia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 16 Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Matania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 17 Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Simei, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 18 Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Asarel, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 19 Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Hasabia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 20 Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 21 Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Matitia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 22 Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Yeremot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 23 Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Hanania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 24 Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 25 Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 26 Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Maloti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 27 Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Eliata, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 28 Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 29 Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gidalti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 30 Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Mahasiot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ 31 Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Romamti-Eser, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ

< 1 Berɛsosɛm 25 >