< 1 Berɛsosɛm 18 >

1 Yei akyiri no, Dawid ko dii Gat ne nkuro a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifoɔ no hyɛeɛ, brɛɛ wɔn ase. 2 Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, ma Moabfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no. 3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba akodɔm ase, de kɔsii Hamat wɔ ɛberɛ a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. 4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Afei, ɔtwitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ. 5 Ɛberɛ a Aramfoɔ firi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkumm wɔn mu ɔpeduonu mmienu. 6 Afei, ɔde asraafodɔm guu Damasko, Aram ahenkuro mu, ma Aramfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no apeatoɔ. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. 7 Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem. 8 Ɔde kɔbere mfrafraeɛ bebree a ɛfiri Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun kaa ho baeɛ. Akyire yi, Salomo nanee kɔbere mfrafraeɛ no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu. 9 Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no, 10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree. 11 Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛdeɛ yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa firii aman foforɔ a ɔkaa wɔn hyɛeɛ no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia ne Amalek. 12 Seruia babarima Abisai kunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. 13 Ɔde asraafoɔ duaduaa Edom nyinaa, ma Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ sɛdeɛ Awurade ma Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ no nhwɛsoɔ. 14 Dawid dii ɔhene wɔ Israel nyinaa so, na ɔne obiara tenaa yie. 15 Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni. 16 Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Sawsa na na ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. 17 Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ no so panin. Dawid mmammarima somm sɛ ɔhene aboafoɔ mpanimfoɔ.

< 1 Berɛsosɛm 18 >