< 1 Berɛsosɛm 17 >

1 Afei, ɛberɛ a Dawid nyaa atenaseɛ wɔ nʼahemfie hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan sɛ, “Me deɛ manya ahemfie a wɔde ntweneduro asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no deɛ, ɛhyɛ ntomadan mu.”
It happened, when David lived in his house, that David said to Nathan the prophet, "Look, I dwell in a house of cedar, but the ark of the covenant of Jehovah is under curtains."
2 Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”
Nathan said to David, "Do all that is in your heart; for God is with you."
3 Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ,
It happened the same night, that the word of God came to Nathan, saying,
4 “Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wosi asɔredan ma me tena mu.
"Go and tell David my servant, 'Thus says Jehovah, "You shall not build me a house to dwell in;
5 Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firii Misraim bɛsi ɛnnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntomadan mu na wɔde di atutena.
for I have not lived in a house since the day that I brought up Israel to this day, but have gone about from tent to tent, and from tabernacle to tabernacle.
6 Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofoɔ no a wɔyɛ me nkurɔfoɔ nnwanhwɛfoɔ no da. Memmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii efie mmaa me da?”’
In all places in which I have walked with all Israel, did I speak a word with any of the judges of Israel, whom I commanded to be shepherd of my people, saying, 'Why have you not built me a house of cedar?'"'
7 “Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Meyii wo sɛ di me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim wɔ ɛberɛ a na woyɛ abarimaa dwanhwɛfoɔ a worehwɛ wo nnwan wɔ adidibea.
"Now therefore, you shall tell my servant David, 'Thus says Jehovah of hosts, "I took you from the sheep pen, from following the sheep, that you should be prince over my people Israel.
8 Baabiara a wokɔeɛ no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Na mɛma wɔagye edin wɔ asase yi nyinaa so.
I have been with you wherever you have gone, and have cut off all your enemies from before you. I will make you a name, like the name of the great ones who are in the earth.
9 Mama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no,
I will appoint a place for my people Israel, and will plant them, that they may dwell in their own place, and be moved no more; neither shall the children of wickedness waste them any more, as at the first,
10 firi ɛberɛ a meyii atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Na mɛka wʼatamfoɔ nyinaa ahyɛ. “‘Na merepae mu aka sɛ, Awurade bɛsi efie ama wo, ahennie nnidisoɔ.
and from the time that I commanded judges to be over my people Israel; and I will subdue all your enemies. Moreover I tell you that Jehovah will build you a house.
11 Na sɛ wowu a, mɛma wo mmammarima no mu baako so, na mama nʼahennie ayɛ den.
And it will come about when your days are fulfilled, when you must go to be with your fathers, that I will raise up your descendant after you, who shall be of your sons; and I will establish his kingdom.
12 Ɔno ne obi a ɔbɛsi efie a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na mɛtim nʼahennwa ase afebɔɔ.
He will build me a house, and I will establish his throne forever.
13 Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfiri ne so, sɛdeɛ meyi firii Saulo a wodii nʼadeɛ so no.
I will be his father, and he shall be my son. I will not take my loving kindness away from him, as I took it from him that was before you;
14 Mɛma nʼase atim wɔ mʼahennie nnidisoɔ ne mʼaheman mu ɛberɛ nyinaa mu, na nʼahennwa no bɛtena hɔ daa.’”
but I will settle him in my house and in my kingdom forever. His throne shall be established forever."'"
15 Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.
According to all these words, and according to all this vision, so Nathan spoke to David.
16 Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Me ne hwan, Ao Awurade Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu?
Then king David went in and sat before Jehovah and said, "Who am I, Jehovah God, and what is my house, that you have brought me thus far?
17 Na seesei, Awurade, yei nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie nnidisoɔ afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛseɛ pa ara, Ao Awurade Onyankopɔn!
This was a small thing in your eyes, God, but you have spoken of your servant's house for a great while to come, and you have let me look upon the generation of humankind to come, Jehovah God.
18 “Ɛdeɛn na menka bio mfa ɛkwan a woafa so ahyɛ me animuonyam yi ho? Wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ ankasa.
What can David say yet more to you concerning the honor which is done to your servant? For you know your servant, Jehovah.
19 Ao Awurade, me enti ne wo pɛ mu enti, woayɛ saa nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woada no adi.
For your servant's sake, and according to your own heart, you have worked all this greatness, to make known to your servant all these great things.
20 “Ao Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforɔ bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforɔ bi wɔ hɔ te sɛ wo!
Jehovah, there is none like you, neither is there any God besides you, according to all that we have heard with our ears.
21 Ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn, Ao Onyankopɔn, na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfoɔ? Ɛberɛ a wogyee wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wode gyee edin. Wonam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ ahodwirie so pamoo aman a wɔayɛ akwansideɛ ama wɔn.
And who is like your people Israel, the one nation on earth whom God went out to redeem to be a people for himself, to make a name for yourself by great and awesome deeds, by driving out from before your people, whom you redeemed out of Egypt, a nation and its gods?
22 Woyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfoɔ afebɔɔ, na wo, Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.
And you made your people Israel for yourself to be your people forever; and you, Jehovah, became their God.
23 “Ao Awurade, afei di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa.
Now, Jehovah, let the word that you have spoken concerning your servant, and concerning his house, be established forever, and do as you have spoken.
24 Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no animuonyam afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ewiase nyinaa bɛka sɛ, ‘Awurade Otumfoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie nnidisoɔ no ase ntim wɔ wʼanim.
Let your name be established and magnified forever, saying, 'Jehovah of hosts is the God of Israel,' and the house of David your servant is established before you.
25 “Ao me Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi, ɛfiri sɛ, woada no adi sɛ wobɛsi fie ama me, mʼahennie nnidisoɔ a ɛbɛtena hɔ daa.
For you have revealed to your servant that you will build him a house. Therefore your servant has found courage to pray before you.
26 Ɛfiri sɛ, woyɛ Onyankopɔn, Ao Awurade. Na me, wo ɔsomfoɔ, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ.
Now, Jehovah, you are God, and have promised this good thing to your servant.
27 Na afei, asɔ wʼani sɛ wobɛhyira me ne mʼabusuafoɔ, sɛdeɛ yɛn ahennie nnidisoɔ bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wohyira a, Ao Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”
Now it has pleased you to bless the house of your servant, that it may continue forever before you; for you, Jehovah, have blessed, and it is blessed forever."

< 1 Berɛsosɛm 17 >