< Adiyisɛm 14 >

1 Afei mehwɛe, na mihuu sɛ Oguamma no gyina Sion bepɔw so. Na nnipa mpem ɔha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so. 2 Na metee nne bi fii ɔsoro a na ɛworo so te sɛ asuworoe a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Nne a metee no te sɛ dwom a sankubɔfo bi rebɔ wɔ ne sanku so. 3 Wɔtoo dwom foforo bi wɔ ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no anim. Nnipa mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko ara na wotumi suae. 4 Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun. Baabiara a Oguamma no bɛkɔ no na wodi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu na wɔne nnipa a wodi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Oguamma no. 5 Wɔnka atosɛm, na mfomso nni wɔn ho. 6 Afei mihuu ɔbɔfo foforo sɛ watu nam sorosoro a ɔrekɔka asɛmpa a entwa mu da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne ɔkasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho. (aiōnios g166) 7 Ɔteɛɛ mu se, “Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ bere no adu sɛ obu adesamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ ɔsoro, asase, po ne asuti no!” 8 Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se. “Wahwe ase! Babilonia kɛse ahwe ase! Efisɛ wama amanaman nyinaa anom nʼaguamammɔ nsa no bi.” 9 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa a odi baanu a wodi kan no akyi no teɛɛ mu kae se, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso honi a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyirae 10 no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, nʼabufuw nsa a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuw kuruwa mu no. Wɔbɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa ahoyeraw wɔ ogya ne sufre mu wɔ abɔfo ne Oguamma no anim. 11 Na ogya no wusiw a ɛhyɛ wɔn ahoyeraw no kɔ soro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegye nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso honi ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyirae no.” (aiōn g165) 12 Eyi nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so, na wogye Yesu di no nya boasetɔ no. 13 Afei metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Kyerɛw eyi. Nhyira ne awufo a wowu wɔ Awurade mu fi mprempren rekɔ yi.” Honhom no se, “Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.” 14 Mihuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ no na okura kantankrankyi nnamnam bi wɔ ne nsam. 15 Afei ɔbɔfo foforo bi a ofii asɔredan no mu puei, na ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no se, “Fa wo kantankrankyi no twa, efisɛ otwabere no adu, asase no asow aba a ɛsɛ sɛ wotwa!” 16 Enti nea ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi wɔ asase so ma etwaa asase so nnɔbae. 17 Afei mihuu sɛ ɔbɔfo foforo bi a ofi ɔsoro asɔredan no mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam bi. 18 Ɔbɔfo foforo bi a ɔno nso hwɛ ogya no so no fi afɔremuka no mu puei. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ ɔbɔfo a okura kantankrankyi nnamnam no se, “Fa wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe akuwakuw no ano, efisɛ nʼaba no abere.” 19 Enti ɔbɔfo no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsakyiamoa kɛse no mu. 20 Wotiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamoa a ɛwɔ kuropɔn no mfikyiri, na mogya fii bobe no mu sen sɛ asubɔnten, akwansin ahannu na mu dɔ nso bɛyɛ anammɔn anum.

< Adiyisɛm 14 >