< Nnwom 24 >

1 Dawid dwom. Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de; wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no; 2 efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po so na ɔde sii nsu ani. 3 Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no? Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ? 4 Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew, nea ne kra nni ahoni akyi na ɔnka ntamhunu. 5 Obenya Awurade nsam nhyira ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn. 6 Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no te wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn. 7 Mo aponkɛse, momma mo ti so; wɔmma mo so, mo tete apon, na Anuonyam Hene nhyɛn mu. 8 Hena ne saa Anuonyam Hene yi? Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo no Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo. 9 Momma mo ti so, mo aponkɛse momma wɔn so, mo tete apon, na anuonyam Hene no nkɔ mu. 10 Hena ne saa anuonyam Hene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne anuonyam Hene no.

< Nnwom 24 >