< Nnwom 119 >

1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ, na wɔnantew sɛnea Awurade mmara kyerɛ. 2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde, na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no. 3 Wɔnyɛ mfomso biara; na wɔnam nʼakwan so. 4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ. 5 Ao, sɛ anka mʼakwan besi pi, ayɛ osetie wɔ wo hyɛ nsɛm ho ɛ! 6 Sɛ midwen wo mmaransɛm no nyinaa ho a, ɛno de, anka mʼanim rengu ase. 7 Mede koma a mu tew bɛkamfo wo bere a meresua wo mmara a ɛteɛ no. 8 Medi wo hyɛ nsɛm so; na nnyaw me korakora. 9 Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew? Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so. 10 Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo; mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho. 11 Mede wʼasɛm asie me koma mu sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo. 12 Awurade, ayeyi nka wo; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. 13 Mede mʼano ka mmara a efi wʼanom nyinaa. 14 Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so, sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no. 15 Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho na mehwehwɛ wʼakwan mu. 16 Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase. 17 Yɛ wo somfo yiye; na matena ase adi wʼasɛm so. 18 Bue mʼani na minhu anwonwade a ɛwɔ wo mmara no mu. 19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; mfa wo mmaransɛm no nhintaw me. 20 Me kra tɔ beraw bere biara, wo mmara ho anigyina nti. 21 Woka ahantanfo anim, wɔn a wɔadome wɔn, na wɔman fi wo mmaransɛm ho no. 22 Yi wɔn animka ne animtiaabu fi me mu, efisɛ midi wʼahyɛde so. 23 Ɛwɔ mu sɛ sodifo hyia di me ho nseku, nanso wo somfo bedwinnwen wʼahyɛde ho. 24 Wʼahyɛde yɛ mʼanigyede na ɛyɛ me fotufo. 25 Woabrɛ me ase ma meda mfutuma mu; kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm no te. 26 Mesesee mʼakwan na wugyee me so; kyerɛkyerɛ me wʼahyɛde. 27 Ma mente nea ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; na mesusuw wʼanwonwade ho. 28 Awerɛhow ama me kra atɔ beraw; hyɛ me den sɛnea wʼasɛm no kyerɛ. 29 Yi me fi nnaadaa akwan so; na fa wo mmara so dom me. 30 Mafa nokware kwan no so; mede me koma abata wo mmara ho. 31 Awurade, mikura wo nkyerɛkyerɛ mu dennen, mma mʼanim ngu ase. 32 Mitu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, efisɛ woama mʼadwene mu adɔ. 33 Kyerɛkyerɛ me, Awurade, na minni wo hyɛ nsɛm so, na medi so akosi awiei. 34 Ma me ntease, na medi wo mmara so, na mede me koma nyinaa bedi so. 35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no na hɔ na minya anigye. 36 Dan me koma kɔ wʼahyɛde ho na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so mfaso ho. 37 Yi mʼani fi nneɛma hunu so; na kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm te. 38 Di bɔ a woahyɛ wo somfo no so, na wasuro wo. 39 Yi animguase a ɛbɔ me hu no fi hɔ, efisɛ wo mmara yɛ papa. 40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! Kyɛe me nkwa so wɔ wo trenee mu. 41 Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, wo nkwagye no, sɛnea wo bɔhyɛ no te. 42 Afei mebua nea oyi me ahi no, efisɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotoso. 43 Nyi nokwasɛm no mfi mʼanom, efisɛ mʼanidaso wɔ wo mmara mu. 44 Medi wo mmara so bere biara akosi daa apem. 45 Mede ahofadi bɛnantew, efisɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ. 46 Mɛka wʼahyɛde ho asɛm wɔ ahemfo anim na wɔrengu mʼanim ase, 47 efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho, na medɔ no. 48 Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no, na midwinnwen wo hyɛ nsɛm ho. 49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo somfo, efisɛ woama me anidaso. 50 Mʼawerɛkyekye wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so. 51 Ahantanfo bu me animtiaa bebree, nanso mennan mfi wo mmara ho. 52 Awurade mekae wo tete mmara no, na minya awerɛkyekye wɔ mu. 53 Abufuw hyɛ me ma, esiane amumɔyɛfo a wɔapo wo mmara nti. 54 Wo hyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban wɔ baabiara a mesoɛ. 55 Awurade, anadwo mekae wo din, na medi wo mmara so. 56 Eyi ne ade a meyɛ da biara, midi wo nkyerɛkyerɛ so. 57 Awurade, wo ne me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ medi wo nsɛm so. 58 Mede me koma nyinaa ahwehwɛ wo; hu me mmɔbɔ sɛnea wo bɔhyɛ no te. 59 Madwene mʼakwan ho na madan mʼanammɔntu akyerɛ wʼahyɛde. 60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn sɛ medi wo mmara nsɛm so. 61 Ɛwɔ mu, amumɔyɛfo de hama kyekyere me, nanso me werɛ remfi wo mmara. 62 Ɔdasu mu, mesɔre de wʼaseda ma wo, wo mmara a ɛteɛ nti. 63 Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo, wɔn a wodi wo nkyerɛkyerɛ so nyinaa. 64 Awurade, wʼadɔe ahyɛ asase so ma; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. 65 Wo ne wo somfo nni no yiye sɛnea wʼasɛm te, Awurade. 66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmu pa, efisɛ migye wo mmara nsɛm no di. 67 Mefom ɔkwan ansa na mihuu amane, na mprempren de midi wʼasɛm so. 68 Wuye, na nea woyɛ nso ye; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. 69 Ahantanfo de atoro asra me ho de, nanso mede me koma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so. 70 Wɔn koma yɛ den na wonni ɔtema, nanso mʼani gye wo mmara ho. 71 Eye sɛ mihuu amane sɛnea mesua wo hyɛ nsɛm. 72 Mmara a efi wʼanom no som bo ma me sen dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpem mpem. 73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwenee me; ma me ntease a mede besua wo mmara nsɛm. 74 Sɛ wɔn a wosuro wo no hu me a, ma wɔn ani nnye, efisɛ mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu. 75 Awurade, minim sɛnea wo mmara te, na nokwaredi mu na woatwe mʼaso. 76 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no nkyekye me werɛ sɛnea bɔ a woahyɛ wo somfo no te no. 77 Ma wʼayamhyehye mmra me so, na minnya nkwa, efisɛ mʼani ka wo mmara ho. 78 Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔfom me kwa nti nanso mesusuw wo nkyerɛkyerɛ ho. 79 Ma wɔn a wosuro wo no mmra me nkyɛn, wɔn a wɔte wo mmara ase no. 80 Ma me koma nnya bembu wɔ wo hyɛ nsɛm ho, na mʼanim angu ase. 81 Wo nkwagye ho anigyina ama me kra atɔ piti, nanso mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu. 82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; meka se, “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?” 83 Ɛwɔ mu sɛ mete sɛ nsa kotoku a ɛsɛn wusiw ano de, nanso me werɛ mfi wo hyɛ nsɛm no. 84 Wo somfo ntwɛn nkosi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? 85 Ahantanfo atu amoa de asum me afiri, a ɛne wo mmara bɔ abira. 86 Wo mmara nsɛm nyinaa mu wɔ ahotoso; boa me, efisɛ nnipa taa me kwa. 87 Ɛkaa kakraa bi a anka woyii me fii asase so, nanso minnyaee wo nkyerɛkyerɛ sodi. 88 Kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te, na medi nkyerɛkyerɛ a efi wʼanom no so. 89 Awurade, wʼasɛm no wɔ hɔ daa; egyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro. 90 Wo nokwaredi kɔ so wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu; wode asase sii hɔ, na etim hɔ. 91 Wo mmara wɔ hɔ besi nnɛ, na nneɛma nyinaa som wo. 92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, anka mʼamanehunu akum me. 93 Me werɛ remfi wo nkyerɛkyerɛ no, efisɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so. 94 Gye me nkwa, na meyɛ wo de; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no. 95 Amumɔyɛfo retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, misusuw wʼahyɛde ho. 96 Mahu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ nea ɛkɔpem; nanso wo mmara nsɛm no nni ɔhye. 97 Ao, medɔ wo mmara no yiye! Midwinnwen ho da mu nyinaa. 98 Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo, efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa. 99 Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa, efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho. 100 Mewɔ ntease sen mpanyimfo, efisɛ midi wo nkyerɛkyerɛ so. 101 Memfaa mʼanan nsii ɔkwan bɔne biara so sɛnea metumi ayɛ osetie ama wʼasɛm. 102 Memman mfii wo mmara ho, efisɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me. 103 Wo nsɛm yɛ me dɛ, ɛyɛ dɛ sen ɛwo wɔ mʼanom. 104 Minya ntease fi wo nkyerɛkyerɛ mu; enti mikyi ɔkwan bɔne biara. 105 Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea ne me kwan so hann. 106 Maka ntam ahyɛ mu kena se medi wo trenee mmara no so. 107 Mahu amane bebree; kyɛe me nkwa so, Awurade, sɛnea wʼasɛm te. 108 Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a efi me pɛ mu, na kyerɛkyerɛ me wo mmara. 109 Ɛwɔ mu sɛ daa metoto me nkwa ase de, nanso me werɛ remfi wo mmara. 110 Amumɔyɛfo asum me afiri, nanso memfom mfii wo nkyerɛkyerɛ ho. 111 Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade afebɔɔ; ɛma me koma ani gye. 112 Me koma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo hyɛ nsɛm so akosi awiei. 113 Mikyi nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, na medɔ wo mmara. 114 Wone me guankɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu. 115 Mumfi me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo, na minni me Nyankopɔn mmara nsɛm so! 116 Wowaw me sɛnea wo bɔhyɛ no te, na mɛtena nkwa mu; mma mʼanidaso nyɛ ɔkwa. 117 So me mu, na menya ogye; na bere biara mɛhwɛ wo hyɛ nsɛm no. 118 Wopo wɔn a wɔfom wo hyɛ nsɛm nyinaa, na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa. 119 Wotow amumɔyɛfo nyinaa gu sɛ afide; enti medɔ wʼahyɛde. 120 Wo ho suro ma me ho popo; wo mmara abɔ me hu. 121 Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me so! 122 Hwɛ ma wo somfo nni yiye; mma ahantanfo nhyɛ me so. 123 Mahwɛ wo nkwagye anim ama mʼani abu, ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛteɛ no. 124 Wo ne wo somfo nni no sɛnea wʼadɔe te, na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. 125 Meyɛ wo somfo; ma me nhumu na mate wʼahyɛde ase. 126 Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi; wɔrebu wo mmara so. 127 Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛm sen sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ ankasa, 128 na midwen sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa ye nti, mikyi ɔkwan bɔne biara. 129 Wʼahyɛde yɛ nwonwa; enti midi so. 130 Wo nsɛm asete ma hann; na ɛma ntetekwaa nya ntease. 131 Mibue mʼanom na migu ahome, na mʼani gyina wo mmara nsɛm. 132 Dan wʼani hwɛ me na hu me mmɔbɔ sɛnea woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no. 133 Tutu mʼanammɔn sɛnea wʼasɛm no te; mma bɔne biara nni me so. 134 Gye me fi nnipa nhyɛso mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so. 135 Ma wʼanim nhyerɛn wo somfo so na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. 136 Nsuten nisu aguare me, efisɛ nnipa nni wo mmara so. 137 Ɔtreneeni ne wo, Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ. 138 Ahyɛde a woayɛ no yɛ trenee; ɛyɛ nea wonya mu ahotoso pa ara. 139 Abufuw ahyɛ me ma, efisɛ mʼatamfo bu wɔn ani gu wo nsɛm so. 140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahorow no ahwɛ pa ara, na wo somfo dɔ wɔn. 141 Ɛwɔ mu sɛ menka hwee na memfra de, nanso me werɛ mfi wo nkyerɛkyerɛ. 142 Wo trenee wɔ hɔ daa, na wo mmara no yɛ nokware. 143 Ɔhaw ne awerɛhow aba me so, nanso wo mmara nsɛm ma me ahosɛpɛw. 144 Wʼahyɛde yɛ nokware daa; ma me ntease na manya nkwa. 145 Awurade, mede me koma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, na medi wo hyɛ nsɛm no so. 146 Misu mefrɛ wo, gye me nkwa na midi wʼahyɛde so. 147 Mesɔre anɔpahema, na misu pɛ mmoa; mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu. 148 Mʼani gu so anadwo nyinaa, na misusuw wo bɔhyɛ ho. 149 Tie me nne sɛnea wʼadɔe no te; Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara te. 150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimɔdensɛm no abɛn, nanso wɔne wo mmara ntam ware. 151 Awurade, wo de, wobɛn me, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware. 152 Mmere bi a atwa mu no, misuaa wʼahyɛde a wode tim hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no. 153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa efisɛ me werɛ mfii wo mmara no. 154 Di mʼasɛm ma me na gye me; kyɛe me nkwa so sɛnea wo bɔhyɛ no te. 155 Nkwagye ne atirimɔdenfo ntam kwan ware, efisɛ wɔnhwehwɛ wo hyɛ nsɛm no. 156 Awurade, wʼayamhyehye yɛ kɛse; kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara no te. 157 Atamfo a wɔteetee me dɔɔso, nanso memman mfii wo nhyehyɛe ho. 158 Mehwɛ wɔn a wonni gyidi no a wɔn ho yɛ me nwini, efisɛ wonni wʼasɛm so. 159 Hwɛ sɛnea mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te. 160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokware; na wo mmara a ɛteɛ no to rentwa da. 161 Sodifo taataa me kwa, nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na misuro. 162 Mʼani gye wo bɔhyɛ ho te sɛ obi a wanya asade kɛse. 163 Mikyi nkontompo na medɔ wo mmara. 164 Mekamfo wo mpɛn ason da biara, wo mmara a ɛteɛ no nti. 165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe mmoroso, na biribiara rentumi mma wonhintiw. 166 Awurade, metwɛn wo nkwagye, na midi wo mmara nsɛm so. 167 Midi wʼahyɛde so na medɔ no yiye. 168 Midi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛde so, na wunim mʼakwan nyinaa. 169 Awurade, ma me sufrɛ nnu wʼanim; ma me ntease sɛnea wʼasɛm no te. 170 Ma me nkotosrɛ nnu wʼanim; na gye me sɛnea wo bɔhyɛ no te. 171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; efisɛ wokyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. 172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, efisɛ wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee. 173 Ma wo nsa nyɛ krado mmɛboa me, efisɛ maso wo nkyerɛkyerɛ no mu. 174 Awurade, mʼani agyina wo nkwagye, na wo mmara yɛ mʼanigyede. 175 Ma mentena nkwa mu na matumi akamfo wo, na wo mmara nso awowaw me. 176 Mafom kwan sɛ oguan a wayera. Hwehwɛ wo somfo, efisɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm no ɛ.

< Nnwom 119 >