< Hiob 20 >

1 Na Naamani Sofar buae se, 2 Me tirim mu ntew me, na ɛhyɛ me sɛ mimmua efisɛ me ho yeraw me yiye. 3 Mate animka bi a egu me ho fi, na ntease a minya no hyɛ me sɛ mimmua. 4 “Ampa ara wunim sɛnea nneɛma te fi tete, efi bere a wɔde nnipa duaa asase so no, 5 sɛ amumɔyɛfo ani gye bere tiaa bi mu, na wɔn a wonsuro nyame nso anigye nkyɛ. 6 Ɛwɔ mu sɛ nʼahohoahoa kodu ɔsoro, na ne ti kɔpem omununkum koraa a, 7 ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa nʼagyanan; na wɔn a wohuu no no bebisa se, ‘Ɔwɔ he?’ 8 Otu kɔ te sɛ ɔdae, na wɔrenhu no bio, wɔn werɛ fi te sɛ anadwo mu anisoadehu. 9 Ani a ehuu no no renhu no bio; na ne sibea nso renhu no bio. 10 Ne mma bɛpata ahiafo; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya san ma. 11 Ne mmerantebere mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no ne no bɛkɔ mfutuma mu. 12 “Ɛwɔ mu sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ na ɔde sie ne tɛkrɛma ase, 13 ɛwɔ mu sɛ ontumi nnyaa mu na ɔma ɛka ne dudom, 14 nanso, nʼaduan bɛyɛ nwen wɔ ne yafunu mu; ɛbɛyɛ ɔwɔ ano bɔre wɔ ne mu. 15 Ɔbɛfe ahonyade a ɔmenee no; Onyankopɔn bɛma ne yafunu apuw agu. 16 Ɔbɛfefe awɔ bɔre; Ɔnanka se bekum no. 17 Ɔrennya nsuwansuwa no nnom nsubɔnten a nufusu ne ɛwo sen wɔ mu no. 18 Ɔbɛdan nea ɔbrɛ nyae no aba a ɔrenni bi; ɔremfa nʼaguadi mu mfaso nnye nʼani. 19 Efisɛ ɔhyɛɛ ahiafo so ma wodii ohia buruburoo; ɔde ne nsa ato afi a ɛnyɛ ɔno na osii so. 20 “Ampa ara ɔrennya ahomegye mfi nea wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼademude nnye ne ho nkwa. 21 Wafom nneɛma nyinaa awie; ne nkɔso nnu baabiara. 22 Nʼadedodow nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu; na amanehunu a emu yɛ den bɛto no. 23 Bere a nʼafuru ayɛ ma no, Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuw gya agu ne so na wabobɔ no basabasa. 24 Ɛwɔ mu sɛ oguan fi dade akode ano nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafrae bɛwɔ no. 25 Ɔtwe bɛmma no fi nʼakyi, ano hyɛnhyɛn no fi ne brɛbo mu. Ehu bɛba ne so; 26 sum kabii retwɛn nʼademude. Ogya a ɛnnɛw mu bɛhyew no, na asɛe nea aka wɔ ne ntamadan mu. 27 Ɔsoro bɛda nʼafɔdi adi, na asase asɔre atia no. 28 Nsuyiri bɛtwe ne fi akɔ, saa ara na asuworo bɛyɛ Onyankopɔn abufuwhyew da no. 29 Eyi ne nkrabea a Onyankopɔn de ma amumɔyɛfo, agyapade a Onyankopɔn de ato hɔ ama wɔn ne no.”

< Hiob 20 >