< Yesaia 48 >

1 “Muntie eyi, Yakobfifo mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefo, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Nyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu, 2 mo a mofrɛ mo ho kurow kronkron no mma na mode mo ho to Israel Nyankopɔn so, Asafo Awurade ne ne din. 3 Mehyɛɛ nneɛma a atwa mu no ho nkɔm dedaada, mebɔɔ nkae, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu. 4 Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa mo kɔn ho ntin yɛ dade na mo moma yɛ kɔbere mfrafrae. 5 Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaada ansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkae sɛnea morentumi nka se, ‘Mʼahoni na wɔyɛe: me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.’ 6 Moate eyinom nyinaa; monhwɛ wɔn nyinaa. Morennye wɔn nto mu ana? “Efi saa bere yi de rekɔ mɛka nsɛm foforo akyerɛ mo, ɛfa nneɛma a ahintaw a munnim ho. 7 Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe; ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee. Enti morentumi nka se, ‘Yiw na minim dedaw!’ 8 Wontee, na wontee ase; efi tete nyinaa wʼaso asiw. Na minim sɛ woyɛ ɔfatwafo; wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu. 9 Me din nti metwentwɛn mʼabufuw so; mʼayeyi nti miyi fi wo so, sɛnea merensɛe wo koraa. 10 Hwɛ mahoa mo ho, ɛnyɛ sɛnea wɔnan dwetɛ ho; mmom, masɔ wo ahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu. 11 Me nti, me nti, na meyɛ eyi. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanuonyam. 12 “Tie me, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne odikanfo ne okyikafo. 13 Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre. 14 “Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmetie: ahoni no mu nea ɔwɔ he na waka saa nsɛm yi dedaw? Awurade boafo a wapaw no bɛma nʼatirimpɔw a etia Babilonia aba mu; ne basa betia Babiloniafo. 15 Me, me na makasa. Yiw, mafrɛ no. Mede no bɛba, na obewie nʼadwuma nkonimdi so. 16 “Montwiw mmɛn me na muntie eyi: “Efi nkaebɔ a edi kan no, menkasaa wɔ kokoa mu; bere biara a ebesi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me. 17 Sɛɛ na Awurade se, mo gyefo, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ mo nea eye ma mo, na ɔkyerɛ mo ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so. 18 Sɛ mudii mʼahyɛde so a, anka mo asomdwoe ayɛ sɛ asubɔnten, na mo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye. 19 Anka mo asefo ayɛ sɛ nwea, na mo mma ayɛ sɛ ne mmosea a wontumi nkan; wɔn din rempepa da wɔrensɛe mfi mʼanim.” 20 Mumfi Babilonia, munguan mfi Babiloniafo nkyɛn! Momfa osebɔ nteɛmu mmɔ nkae na mompae mu nka eyi. Momfa nkɔ nsase ano; monka se, “Awurade abegye ne somfo Yakob.” 21 Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, wɔ nweatam ahorow so no, ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu. 22 “Asomdwoe nni hɔ mma amumɔyɛfo.” Sɛɛ na Awurade se.

< Yesaia 48 >