< Hebrifo 8 >

1 Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa, 2 na ɔsom sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, sɛ Awurade no mu hɔ. 3 Woyi Ɔsɔfopanyin biara sɛ ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre. 4 Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. 5 Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.” 6 Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo. 7 Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no. 8 Nanso Onyankopɔn huu mfomso wɔ ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se, “Nna bi reba, Awurade na ose, a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw bɛhyehyɛ apam foforo. 9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛɛ no bere a misoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware, ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ose. 10 Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔ bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu na makyerɛw agu wɔn koma mu. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo. 11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’ Efisɛ wɔn nyinaa behu me fi akumaa so kosi ɔkɛse so. 12 Mehu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.” 13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.

< Hebrifo 8 >