< Hebrifo 6 >

1 Momma yennyae Kristo mfiase ho nkyerɛkyerɛ na yensua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yenu yɛn ho wɔ nneyɛe a ɛde owu brɛ yɛn ne nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi no ho. 2 Ɛho nhia nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔre ne daa atemmu ho nsɛm bio. (aiōnios g166) 3 Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma kwan a saa ara na yɛbɛyɛ. 4 Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsan de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛde hwɛe, na wonyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. 5 Wofi osuahu mu ahu sɛ Onyankopɔn asɛm ye, na wɔahu wiase a ɛreba no mu tumi. (aiōn g165) 6 Nanso ɛno akyi no wɔhwee ase. Enti ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsan aba bio sɛ wommenu wɔn ho, efisɛ wɔresan abɔ Onyankopɔn Ba no asennua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ. 7 Onyankopɔn hyira asase a ɛnom osu a ɛtɔ gu so na ɛma afifide yɛ yie ma wɔn a wɔn nti woduae no. 8 Na sɛ nsɔe ne nwura hunu fifi wɔ so a, enye mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no. 9 Nanso me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee sɛ ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba. 10 Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a moyɛe anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfo Kristofo na mugu so de boa wɔn no. 11 Nea yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka ade a mo ani da so no. 12 Yɛmpɛ sɛ moyɛ anihaw. Na mmom, yɛpɛ sɛ yehu mo sɛ agyidifo a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no. 13 Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa nea wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sen no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14 Ɔkaa ntam no se, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mehyira wo na mama wʼase adɔ.” 15 Na Abraham wɔ ntoboase nti, ne nsa kaa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no. 16 Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sen no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. 17 Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no se ɔrensesa nʼatirimsɛm, nti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den. 18 Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenso yɛn anidaso no mu yiye. 19 Yɛwɔ saa anidaso yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Etim hɔ, na ɛma yɛhyɛn tra ntwamtam no kosi Kronkron mu Kronkron hɔ. 20 Yesu asi yɛn anan mu adi yɛn kan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanyin afebɔɔ sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no. (aiōn g165)

< Hebrifo 6 >