< 1 Mose 5 >

1 Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni. Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso. 2 Ɔbɔɔ ɔbea ne ɔbarima, na ohyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wiee no, ɔtoo wɔn din onipa. 3 Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set. 4 Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 5 Sɛ wɔka Adam mfe nyinaa bɔ mu a, odii mfe ahankron aduasa, ansa na ɔrewu. 6 Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos. 7 Set woo Enos akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 8 Sɛ wɔka Set mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne dumien, ansa na ɔrewu. 9 Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan. 10 Enos woo Kenan akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 11 Sɛ wɔka Enos mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne anum, ansa na ɔrewu. 12 Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel. 13 Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 14 Sɛ wɔka Kenan mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne du, ansa na ɔrewu. 15 Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared. 16 Mahalalel woo Yared akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 17 Sɛ wɔka Mahalalel mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanwɔtwe aduɔkron anum, ansa na ɔrewu. 18 Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Henok. 19 Yared woo Henok akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 20 Sɛ wɔka Yared mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia abien, ansa na ɔrewu. 21 Henok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusela. 22 Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 23 Sɛ wɔka Henok mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahaasa aduosia anum. 24 Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe. 25 Metusela dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek. 26 Metusela woo Lamek akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 27 Sɛ wɔka Metusela mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia akron, ansa na ɔrewu. 28 Lamek dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima. 29 Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.” 30 Lamek woo Noa akyi no, ɔtenaa ase mfe ahannum aduɔkron anum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 31 Sɛ wɔka Lamek mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanson aduɔson ason, ansa na ɔrewu. 32 Noa dii mfe ahannum no, ɔwoo mmabarima baasa a wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.

< 1 Mose 5 >