< 2 Mose 12 >

1 Bere a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn se, 2 “Efi nnɛ rekɔ, ɔsram yi bɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ Yudafo asranna so. 3 Ka kyerɛ Israelfo nyinaa se, saa ɔsram yi da a ɛto so du no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ oguamma baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ ofi biara nya oguamma no baako. 4 Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe oguamma no a, wotumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpɔtam hɔ a wɔn nso sua kyɛ oguamma no. Aboa no kyɛ wɔ saa kwan no so no gyina abusua no kɛse ne nam dodow a wobetumi awe so. 5 Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ oguan anaa abirekyi a onnii dɛm. 6 Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yiye nkosi ɔsram a edii kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nguantenmma no ɔdasu mu. 7 Wɔmfa wɔn mogya nsra ofi biara apongua ho. Oguamma a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛde yi. 8 Anadwo no ara, obiara bɛwe aboa a wɔatoto no no nam no bi. Wɔmfa brodo a wɔamfa mmɔkaw anyɛ ne awɔnwen na enni. 9 Wɔnnnoa nam no na wɔnnwe no amono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti, nʼanan ne nʼayamde nyinaa ka ho. 10 Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, nea ɛbɛka no, sɛ ade kye so a, monnnwe na mmom monhyew no. 11 Sɛnea monwe nam no ni: monwe wɔ bere a mo ntade a mode tu kwan hyehyɛ mo. Munsiesie mo ho mma ɔkwan tententwa. Monhyɛ mo mpaboa na momfa mo pema nkurakura. Monwe no ntɛmntɛm. Saa nneyɛe yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ. 12 “Na metwa mu afa Misraim asase so anadwo yi na mmabarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mekum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, efisɛ mene Awurade! 13 Mogya a mode bɛyɛ apongua no ho no bɛyɛ agyiraehyɛde, enti sɛ mihu mogya no a, metwa mu akɔ, na sɛ merekunkum Misraim mmakan a, merenkum mo de bi. 14 “Eyi yɛ da a ɛsɛ sɛ mudi; na awo ntoatoaso a ɛbɛba no bedi no sɛ afahyɛ ama Awurade. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa. 15 Nnanson no mu, munni brodo a wɔmfaa mmɔkaw mfrae nko ara. Afahyɛ no da a edi kan no, munyiyi mmɔkaw biara mfi mo afi mu. Obiara a saa bere no obebu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wobetwa no asu afi Israelman mu. 16 Afahyɛ no da a edi kan ne ne nnanson so no, nnipa no nyinaa bedi da no sɛ da a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduannoa akyi no, obiara nnyɛ adwuma foforo biara. 17 “Sɛ mudi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa da no na miyii mo fii Misraim asase so. Munni saa dapɔnna yi sɛ daa ahyɛde mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. 18 Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere kosi ne da a ɛto so aduonu baako so no, brodo a mmɔkaw mfra mu nko ara na munni. 19 Saa nnanson no mu no, ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw kakraa bi koraa wɔ mo afi mu. Enti obiara a obedi aduan a mmɔkaw wɔ mu no, wobeyi no afi Israel asafo kuw no mu. Saa mmara yi ka ananafo a wɔne mo te ne wɔn a wofi ɔman no mu no nyinaa nso. 20 Miti mu sɛ, saa nna no mu, munnni biribiara a wɔde mmɔkaw afra mu; munni brodo a mmɔkaw mfra mu.” 21 Na Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔkyekyere oguamma anaa abirekyi ba mma abusua biara, na munkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa. 22 Muntwa oguan no mogya ngu kuruwa bi mu. Momfa adwerɛ mmɔ mogya no mu na momfa mpete apongua no atifi ne apongua abien a aka no ho sɛnea mogya no bɛda ho. Muwie a, mo mu biara mmfi nkɔ abɔnten saa anadwo no. 23 Awurade betwa mu afa asase yi so akunkum Misraimfo. Na sɛ ohu sɛ mogya wɔ apongua no atifi ne apongua abien no ho a, obetwa saa ofi no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefo no nwura hɔ nkunkum mo mmakan. 24 “Na monkae sɛ eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefo. 25 Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛnea ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no. 26 Na sɛ mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn; saa afahyɛ yi fa dɛn ho a, 27 mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree. 28 Na Israelfo no dii Mose ne Aaron ahyɛde no so. 29 Da no ara anadwo nnɔndumien Awurade kunkum mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, efi Farao babarima panyin so kosi odeduani babarima panyin ne anantwi nso mmakan nyinaa. 30 Afei, Farao ne ne mpanyimfo ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ ofi biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu. 31 Enti Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Mesrɛ mo, mo nyinaa muntu mfi ha. Monkɔsom Awurade sɛnea mokae no. 32 Momfa mo nguan ne mo anantwi na monkɔ. Nanso munhyira me ansa na moakɔ.” 33 Misraimfo no nyinaa ani beree Israelfo no so pampam wɔn sɛ womfi asase no so ntɛm, efisɛ wɔkae se, “Yebewuwu.” 34 Israelfo no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔw a mmɔkaw mfra mu, na wɔde wɔn ntade kyekyeree wɔn mmɔre nnaka de sisii wɔn mmati so. 35 Na Israelfo no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntade afi Misraimfo no nkyɛn sɛnea Mose kaa se wɔnyɛ no. 36 Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisade nyinaa. Ɛnam saayɛ so maa Israelfo no twee Misraimfo ahonyade nyinaa kɔe. 37 Anadwo no ara, Israelfo no sii mu fii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodow yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmea ne mmofra de wɔankan wɔn anka ho. 38 Nnipa ahorow pii bi a wɔnyɛ Israelfo kaa wɔn ho kɔe. Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi nyinaa kaa wɔn ho. 39 Woduu baabi a wɔpɛ sɛ wodidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔkaw amfra a wɔde kɔe no bi too brodo dii. Na mmɔkaw nni mu, efisɛ Misraimfo no pam wɔn. Ɛno nti wɔannya kwan anyɛ aduan a wobedi wɔ ɔkwan so. 40 Israelfo no tenaa Misraim mfe ahannan ne aduasa. 41 Na da a wodii mfe ahannan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfo nyinaa fii asase no so. 42 Saa anadwo no ne bere a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfo fii Misraim asase so. Enti saa anadwo koro no ara na Israelfo no yi de too hɔ sɛ da a Onyankopɔn gyee wɔn no afirihyia da. 43 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔho biara nnwe oguamma no nam no bi. 44 Nanso ɔsomfo biara a wɔtew sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia de a, otumi we bi. 45 Ɔpaani anaa ɔhɔho biara nnwe bi. 46 “Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ ofi biara mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe nam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔde nam no fa biara kɔ abɔnten. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe biara mu. 47 Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa di da no. 48 “Ahɔho a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abedi; na ama wɔayɛ sɛnea wɔwoo wɔn too mo mu no. 49 Saa mmara yi ka Israelfo ne ahɔho a wɔne mo te no nso.” 50 Enti Israelfo no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛnea ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no. 51 Da no ara na Awurade yii Israelfo no fii Misraim asase so.

< 2 Mose 12 >