< Ɛster 6 >

1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. 2 Ohuu sɛnea Mordekai kɔdaa pɔwbɔ bi adi, nea Bigtana ne Teres a na wɔyɛ piamfo baanu a na wɔwɛn ɔhene no apon ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpam ɔhene no ti so sɛ wobekum no. 3 Ɔhene no bisae se, “Dɛn akatua anaa nkae ade bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ eyi ho?” Asomfo no buae se, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.” 4 Ɔhene no bisae se, “Hena na ɔhyɛ akyi hɔ adiwo hɔ no?” Ɛbae sɛ, na afei na Haman abedu ahemfi adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so. 5 Nʼasomfo no buaa ɔhene no se, “Haman na ɔhyɛ hɔ.” Ɔhene no kae se, “Momfa no mmra mu.” 6 Enti Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokware, ɔsɔ mʼani no anuonyam?” Haman bisaa ne ho se, “Hena na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no anuonyam sen me?” 7 Enti obuae se, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi anuonyam a, 8 ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentade mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehye nsɛnkyerɛnne bɔ ne moma so no ba. 9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum se, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’” 10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Eye koraa! Ka wo ho kɔfa ahentade no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛnea wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfi pon ano no. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.” 11 Enti Haman faa ahentade no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kurow no aguabɔbea hɔ a na ɔpae di nʼanim se, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no.” 12 Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi hɔ pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano yɛ den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. 13 Bere a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amanneɛ no, wɔkae se, “Esiane sɛ Mordekai a oguu wʼanim ase yi yɛ Yudani nti, nhyehyɛe biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yiye. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.” 14 Bere a wogu so rekasa no, ɔhene piamfo no bae sɛ wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster aponto a wasiesie no ase.

< Ɛster 6 >