< Asomafo 20 >

1 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafo no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn fii hɔ kɔɔ Makedonia. 2 Okyinkyin faa amantam no mu, tuu asuafo no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei obeduu Hela. Odii hɔ asram abiɛsa. 3 Bere a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafo no abɔ ne ho pɔw; enti ɔsan nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔe. 4 Piro a ofi Beroia no ba Sopater ne Paulo na wɔkɔe. Wɔn a wɔka ne ho kɔe no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wofi Tesalonika ne Gaio a ofi Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wofi Asiaman mu no. 5 Saa nnipa yi dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa. 6 Yedii Apiti Afahyɛ no wiei no, yefii Filipi, na nnaanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnaawɔtwe wɔ hɔ. 7 Nnaawɔtwe no mu da a edi kan no, yehyiaa mu sɛ anuanom, didii. Esiane sɛ na ade kye a Paulo befi kurow no mu no nti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kosii ɔdasu mu. 8 Na akanea pii wɔ abansoro dan a wɔahyia wɔ hɔ no mu. 9 Bere a Paulo rekasa no, na aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee ma ofii abansoro dan a ɛto so abiɛsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa no so no na wawu. 10 Paulo sian baa fam, kobutuw no so, maa no so kae se, “Munnsuro, efisɛ onwuu ɛ!” 11 Afei ɔsan foro kɔɔ abansoro no so kobubuu brodo ne asuafo no dii. Paulo toaa ne kasa no so kosii adekyee ansa na ɔregyaw wɔn hɔ. 12 Anuanom no de anigye de aberante a wonyan no no kɔɔ fie. 13 Yɛde hyɛn dii kan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, efisɛ na waka akyerɛ yɛn se ɔrefa fam akɔ hɔ. 14 Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. 15 Ade kyee no, yekoduu Kio. Ne nnaanu so no yeduu Samo na nʼadekyee no, yekoduu Mileto. 16 Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ onyae a anka obedu Yerusalem akodi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia. 17 Paulo soma fii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanyimfo no se wonhyia no. 18 Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Efi da a edi kan a mebaa Asia no, munim ɔkwan a mefaa so ne mo tenae. 19 Ɛwɔ mu sɛ ɛnam Yudafo no pɔwbɔ so ma mihuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛase ne nusu yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade somfo. 20 Munim sɛ bere a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ gua mu ne afi mu no, mamfa biribiara a so bɛba mo mfaso no anhintaw mo. 21 Mebɔɔ Yudafo ne amanamanmufo no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi wɔn bɔne ho na wɔmfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wonnye Yesu Kristo nni. 22 “Afei esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no nti, merekɔ Yerusalem a minnim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. 23 Nea minim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahu amane. 24 Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi adu botae a esi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me se menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no nti, mammu me kra sɛ ade a ɛsom bo. 25 “Minim sɛ mo a maka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhu me bio. 26 Ɛno nti nnɛ, mereka akyerɛ mo se, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na emfi me. 27 Efisɛ mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhintaw mo. 28 Monhwɛ mo ho so ne nguankuw a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfo no yiye. Monhwɛ wɔn yiye, efisɛ Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29 Minim sɛ me kɔ akyi no, atoro akyerɛkyerɛfo a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bewura mo mu abɛsɛe mo. 30 Bere bi bɛba a mo mu ebinom bɛsɔre, nam atoro so atwe asuafo no mu bi adi wɔn akyi. 31 Ɛno nti monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirihyia abiɛsa a midii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yaw mu tuu mo fo awia ne anadwo. 32 “Afei mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a etumi hyɛ mo gyidi den na ɛma munya nʼagyapade a wasiesie ama ahotefo no nsa. 33 Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntama. 34 Mo ara mudi adanse sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35 Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛso akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafo na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kae se, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sen ogye.’” 36 Paulo kasa wiei no, ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. 37 Wɔn nyinaa sui, bam no, maa no nanteyiye. 38 Nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔrenhu no bio no. Afei wɔn nyinaa kogyaa no hyɛn no mu.

< Asomafo 20 >