< Asomafo 16 >

1 Paulo toaa nʼakwantu no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne na yɛ Yudani gyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te. 2 Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanse pa. 3 Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ nti otwaa no twetia, efisɛ Yudafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani. 4 Kurow biara a woduu so no, wɔkaa mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no kyerɛɛ wɔn. 5 Asafo no nyinii gyidi mu na daa, nnipa bebree bɛkaa wɔn ho. 6 Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no nti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. 7 Woduu Misia hye so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn kwan. 8 Enti wɔfaa Misia kosii Troa. 9 Da no anadwo Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no se, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” 10 Anisoadehu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, efisɛ yɛtee ase sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ. 11 Yɛde hyɛn fii Troa kɔɔ Samotrake na ade kyee no, yeduu Neapoli. 12 Yefi hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kurow titiriw a ɛwɔ Makedonia mansin a na Romafo di so no mu. Yedii nna kakra wɔ saa kurow yi mu. 13 Homeda duu no, yefii kurow no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafo taa hyia wɔ hɔ bɔ mpae. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmea bi a wɔbaa hɔ no Kyerɛwsɛm no. 14 Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii. 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye to mu sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee. 16 Da bi a yɛrekɔ faako a yehyia bɔ mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17 Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo.” 18 Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ da bi Paulo de ahometew teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mehyɛ wo wɔ Yesu Kristo din mu se, tu fi ne mu kɔ!” Amono mu hɔ ara, na honhommɔne no tu fii afenaa no mu. 19 Bere a afenaa no wuranom huu sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyimfo anim wɔ aguabɔbea. 20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanyin bɔɔ wɔn sobo se, “Saa nnipa yi yɛ Yudafo a wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ redan yɛn kurow yi ani. 21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a esiane sɛ yɛyɛ Romafo nti, yɛn mmara mma yɛn ho kwan sɛ yegye to mu.” 22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenguan. 24 Afiase sohwɛfo no tee saa asɛm no, ɔde wɔn koguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn anan de bobɔɔ nnua mu. 25 Ɔdasu mu no, na Paulo ne Silas rebɔ mpae to nnwom reyi Onyankopɔn ayɛ, a nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn. 26 Mpofirim na asase wosow denneennen maa afiase no nnyinaso nso wosow maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn tetewee. 27 Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyan na ohuu sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuw sɛ nneduafo no nyinaa aguan, enti ɔtwee nʼafoa, pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho. 28 Nanso Paulo teɛɛ mu ka kyerɛɛ no se, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!” 29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne osuro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30 Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, “Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?” 31 Wobuae se, “Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa.” 32 Wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa. 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu. 34 Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn, efisɛ afei de, wɔagye Onyankopɔn adi. 35 Ade kyee no, mpanyin no somaa asraafo kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfo no se, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36 Afiase sohwɛfo no ka kyerɛɛ Paulo se, “Mpanyin no asoma abɛka se minnyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti monkɔ asomdwoe mu.” 37 Nanso Paulo ka kyerɛɛ asraafo no se, “Yɛyɛ Romafo. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa aguabɔbea bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na wɔpɛ sɛ wɔfa sum ase gyaa yɛn? Dabi da! Mpanyin no ankasa mmra ha mmegyaa yɛn.” 38 Asraafo no san kɔbɔɔ Roma mpanyimfo no amanneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wosuroe 39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn fii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn se womfi kurow no mu. 40 Paulo ne Silas fii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofii hɔ kɔe.

< Asomafo 16 >