< 1 Beresosɛm 8 >

1 Benyamin mmabarima na wodidi so yi: Bela (abakan), Asbel, Ahra,
Benjamin's five sons were Bela his firstborn, Ashbel, Aharah,
2 Noha ne Rafha.
Nohah, and Rapha.
3 Bela mmabarima yɛ: Adar, Gera, Abihud,
Bela's sons were Addar, Gera, Abihud,
4 Abisua, Naaman, Ahoa,
Abishua, Naaman, Ahoah,
5 Gera, Sefufan ne Huram.
Gera, Shephuphan, and Huram.
6 Ehud mmabarima mmusua ntuanofo a na wɔte Geba na wɔpam wɔn fii hɔ kɔɔ Manahat:
These were the descendants of Ehud who were heads of fathers' houses for the inhabitants of Geba, who were compelled to move to Manahath:
7 Ehud mmabarima ne Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na bere a wɔretu no odii wɔn anim.
Naaman, Ahijah, and Gera. The last, Gera, led them in their move. He was the father of Uzza and Ahihud.
8 Saharaim gyaee ne yerenom Husim ne Baara akyi no, ɔwoo mma wɔ Moab asase so.
Shaharaim became the father of children in the land of Moab, after he had divorced his wives Hushim and Baara.
9 Ne yere foforo Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam,
By his wife Hodesh, Shaharaim became the father of Jobab, Zibia, Mesha, Malkam,
10 Yeus, Sakia ne Mirma. Saa mmabarima yi bɛyɛɛ mmusua ntuanofo.
Jeuz, Sakia, and Mirmah. These were his sons, heads of fathers' houses.
11 Na Saharaim yere Husim awo Abitub ne Elpaal dedaw.
He had already become the father of Abitub and Elpaal by Hushim.
12 Elpaal mmabarima yɛ: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraa no,
Elpaal's sons were Eber, Misham, and Shemed (who built Ono and Lod with its surrounding villages).
13 Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a na wɔte Ayalon, na wɔpam ɔmanfo a wɔte Gat no.
There were also Beriah and Shema. They were heads of the fathers' houses of those living in Aijalon, who drove out the inhabitants of Gath.
14 Beria mmabarima yɛ Ahio, Sasak, Yeremot,
Beriah had these sons: Ahio, Shashak, Jeremoth,
15 Sebadia, Arad, Eder,
Zebadiah, Arad, Eder,
16 Mikael, Yispa ne Yoha.
Michael, Ishpah, and Joha were the sons of Beriah.
17 Elpaal mmabarima yɛ Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber,
Elpaal had these sons: Zebadiah, Meshullam, Hizki, Heber,
18 Ismerai, Yislia ne Yobab.
Ishmerai, Izliah, and Jobab.
19 Simei mmabarima yɛ Yakim, Sikri, Sabdi,
Shimei had these sons: Jakim, Zikri, Zabdi,
20 Elienai, Siletai, Eliel,
Elienai, Zillethai, Eliel,
21 Adaia, Beraia ne Simrat.
Adaiah, Beraiah, and Shimrath.
22 Sasak mmabarima yɛ Yispan, Eber, Eliel,
Shashak had these sons: Ishpan, Eber, Eliel,
23 Abdon, Sikri, Hanan,
Abdon, Zikri, Hanan,
24 Hanania, Elam, Antotia,
Hananiah, Elam, Anthothijah,
25 Yifdeia ne Penuel.
Iphdeiah, and Penuel.
26 Yeroham mmabarima yɛ Samserai, Seharia, Atalia,
Jeroham had these sons: Shamsherai, Shehariah, Athaliah,
27 Yaaresia, Elia ne Sikri.
Jaareshiah, Elijah, and Zikri.
28 Eyinom ne agyanom mmusua ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mu biara anato nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.
These were heads of fathers' houses and chief men who lived in Jerusalem.
29 Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka
The father of Gibeon, Jeiel, whose wife's name was Maakah, lived in Gibeon.
30 a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
His firstborn was Abdon, followed by Zur, Kish, Baal, Nadab,
31 Gedor, Ahio, Seker,
Gedor, Ahio, and Zeker.
32 ne Miklot a ɔyɛ Simea agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
Another of Jeiel's sons was Mikloth, who became the father of Shimeah. They also lived near their relatives in Jerusalem.
33 Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
Ner was the father of Kish. Kish was the father of Saul. Saul was the father of Jonathan, Malki-Shua, Abinadab, and Esh-Baal.
34 Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
The son of Jonathan was Merib-Baal. Merib-Baal was the father of Micah.
35 Mika mmabarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
The sons of Micah were Pithon, Melek, Tarea, and Ahaz.
36 Ahas woo Yehoada na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
Ahaz became the father of Jehoaddah. Jehoaddah was the father of Alemeth, Azmaveth, and Zimri. Zimri was the father of Moza.
37 Mosa woo Binea. Binea woo Rafha. Rafha woo Elasa. Elasa woo Asel.
Moza was the father of Binea. Binea was the father of Raphah. Raphah was the father of Eleasah. Eleasah was the father of Azel.
38 Asel woo mmabarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.
Azel had six sons: Azrikam, Bokeru, Ishmael, Sheariah, Obadiah, and Hanan. All these were sons of Azel.
39 Na Asel nuabarima Esek wɔ mmabarima baasa a wɔne Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔto so abien ne Elifelet a ɔto so abiɛsa.
The sons of Eshek, his brother, were Ulam his firstborn, Jeush the second, and Eliphelet the third.
40 Ulam mmabarima nyinaa yɛ akofo a wɔakwadaw akodi mu, wɔyɛ agyantowfo antoamfom. Na wɔwɔ mma ne nananom bebree a na wɔn nyinaa dodow yɛ ɔha aduonum. Eyinom nyinaa yɛ Benyamin asefo.
Ulam's sons were fighting men and archers. They had many sons and grandsons, a total of 150. All these belonged to the descendants of Benjamin.

< 1 Beresosɛm 8 >