< Sefania 3 >

1 Nnome nka nhyɛsofo kuropɔn atuatew kuropɔn a ho agu fi! 2 Ɔnyɛ osetie mma obiara onnye nteɛso biara nto mu. Ɔmfa ne ho nto Awurade so. Ontwiw mmɛn ne Nyankopɔn. 3 Nʼakannifo yɛ gyata a wɔbobɔ mu, ne sodifo yɛ mpataku a wɔnam anadwo, a wonnya biribiara mma adekyee. 4 Ne nkɔmhyɛfo yɛ ahantan; wɔyɛ afatwafo. Nʼasɔfo gu kronkronbea ho fi. Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne. 5 Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni; ɔnyɛ mfomso biara. Adekyee biara, ɔda ne trenee adi, na onni huammɔ da, nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu. 6 “Masɛe amanaman; madwiriw wɔn abandennen agu. Wɔn mmorɔn so adeda mpan, a obiara ntwa mu hɔ. Wɔasɛe wɔn nkuropɔn; a obiara renka. 7 Meka kyerɛɛ kuropɔn no se, ‘ampa ara wubesuro me na woagye nteɛso ato mu!’ Na afei ne tenabea rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma no so. Nanso wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu. 8 Enti twɛn me,” sɛnea Awurade se ni, “na da no mɛsɔre adi adanse. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahenni ano na mahwie mʼabufuw agu wɔn so mʼabufuwhyew nyinaa. Me ninkutwe abufuw gya mu no, asase nyinaa bɛhyew. 9 “Afei medwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no. 10 Mʼasomfo, me nkurɔfo a wɔabɔ ahwete no befi nsubɔnten a ɛwɔ Kus nohɔ de wɔn afɔrebɔde abrɛ me. 11 Saa da no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase wɔ nneyɛe bɔne a woayɛ atia me ho, efisɛ meyi afi saa kuropɔn yi mu, wɔn a wodi ahantan mu ahurusi, na worenyɛ ahantan bio wɔ me bepɔw kronkron no so. 12 Nanso megyaw wɔ wo mu wɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so no. 13 Wɔrenyɛ bɔne biara; wɔrenka nkontomposɛm, na wɔn ano renka nnaadaasɛm wobedidi na wɔada, na obiara renyi wɔn hu.” 14 To dwom, Ɔbabea Sion; teɛ mu dennen, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurusi wɔ wo koma nyinaa mu, Ɔbabea Yerusalem! 15 Efisɛ Awurade ayi wʼasotwe afi wo so, wama wo tamfo asan nʼakyi. Awurade, Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio. 16 Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se, “Nsuro, Sion! Mma wo nsa mu ngow. 17 Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo. Nʼani begye wo ho ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio, ɔde nnwonto bedi wo ho anigye.” 18 “Meyi wɔn a wodi awerɛhow wɔ wʼafahyɛnna ahorow a woahwere; a ayɛ adesoa ne animguase ama wo no ho. 19 Saa bere no me ne wɔn a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bedi. Megye mmerɛwyɛfo na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn anuonyam asase biara a woguu wɔn anim ase wɔ so no so. 20 Saa bere no, mɛboaboa mo ano; saa bere no, mede mo bɛba fie. Mɛhyɛ wo anuonyam na makamfo mo wɔ asase so nnipa nyinaa mu bere a mede mo ahonyade bɛsan ama wo na mode mo ani behu no,” sɛnea Awurade se ni.

< Sefania 3 >