< Sefania 2 >

1 Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, mo, animguaseman,
Gather yourselves together, yes, gather together, you nation that has no shame,
2 ansa na bere a wɔahyɛ no adu, na da no resen te sɛ ntɛtɛ, ansa na Awurade abufuwhyew no aba mo so, ansa na Awurade abufuw da no aba mo so.
before the appointed time when the day passes as the chaff, before the fierce anger of the LORD comes on you, before the day of the LORD's anger comes on you.
3 Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefo a mowɔ asase so, mo a moyɛ nʼahyɛde. Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia ɔbɛkora mo so Awurade abufuw da no.
Seek the LORD, all you humble of the land, who have kept his ordinances. Seek righteousness. Seek humility. It may be that you will be hidden in the day of the LORD's anger.
4 Wobegyaw Gasa na wɔagyaw Askelon sɛ amamfo. Owigyinae na wɔbɛma Asdod ada mpa mu na wɔatutu Ekron ase.
For Gaza will be forsaken, and Ashkelon a desolation. They will drive out Ashdod at noonday, and Ekron will be rooted up.
5 Munnue, mo a mote mpoano, mo Keretifo; Awurade asɛm tia mo. Kanaan, Filistifo asase. Mɛtɔre mo ase, na obiara renka.
Woe to the inhabitants of the sea coast, the nation of the Cherethites. The word of the LORD is against you, Canaan, the land of the Philistines. I will destroy you, that there will be no inhabitant.
6 Asase a ɛda mpoano, faako a Keretifo te bɛyɛ atenae ama nguanhwɛfo ne wɔn nguannan.
The sea coast will be pastures, with cottages for shepherds and folds for flocks.
7 Saa asase no bɛyɛ Yudafi nkae no de; ɛhɔ na wobenya mmoa adidibea. Anwummere, wɔbɛdeda wɔ Askelon afi mu. Na Awurade, wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn ahonyade nyinaa bɛsan ama wɔn.
The coast will be for the remnant of the house of Judah. They will find pasture. In the houses of Ashkelon, they will lie down in the evening, for the LORD, their God, will visit them, and restore them.
8 “Mate Moab nsopa ne Amonfo atweetwee; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfo na wohunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.
I have heard the reproach of Moab, and the insults of the people of Ammon, with which they have reproached my people, and magnified themselves against their border.
9 Enti sɛ mete ase yi,” sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni, “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, faako a nwura ne nkyene amoa wɔ, bɛyɛ asase a ɛda mpan afebɔɔ. Me man nkae bɛfow wɔn afa; me manfo a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛfa wɔn asase.”
Therefore as I live, says the LORD of hosts, the God of Israel, surely Moab will be as Sodom, and the people of Ammon as Gomorrah, a possession of nettles, and salt pits, and a perpetual desolation. The remnant of my people will plunder them, and the survivors of my nation will inherit them.
10 Wɔn ahantan so akatua a wobenya ni, sɛ wɔyeyaw na wodi Asafo Awurade nkurɔfo ho fɛw nti.
This they will have for their pride, because they have reproached and magnified themselves against the people of the LORD of hosts.
11 Awurade ho suro bɛba wɔn so bere a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.
The LORD will be awesome to them, for he will famish all the gods of the land. Men will worship him, everyone from his place, even all the shores of the nations.
12 “Mo Etiopiafo nso, mʼafoa ano na wobekunkum mo.”
You Cushites also, you will be killed by my sword.
13 Awurade bɛteɛ ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na so awo wosee sɛ nwea pradada so.
He will stretch out his hand against the north, destroy Assyria, and will make Nineveh a desolation, as dry as the wilderness.
14 Nguankuw ne anantwi bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Sare so patu ne abonsamnoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su begyigye afa mfɛnsere mu, nnwiriwii besisiw apon ano akwan, mpuran a wɔde sida ayɛ no ho bɛdeda hɔ.
Herds will lie down in the midst of her, all the animals of the nations. Both the pelican and the porcupine will lodge in its capitals. Their calls will echo through the windows. Desolation will be in the thresholds, for he has laid bare the cedar beams.
15 Eyi ne kuropɔn a edi ahurusi na ɛte asomdwoe mu. Ɔhoahoaa ne ho se, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛnea atetew apansam, na ayɛ nkekammoa atenae! Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no, him ne nsa fɛwdi so.
This is the joyous city that lived carelessly, that said in her heart, "I am, and there is none besides me." How she has become a desolation, a place for animals to lie down in. Everyone who passes by her will hiss, and shake their fists.

< Sefania 2 >