< Sefania 1 >

1 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so. 2 “Mɛpra biribiara afi asase so” nea Awurade se ni, 3 “Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa. Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara, sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,” nea Awurade se ni. 4 “Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din 5 wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔde a ɛwɔ wim, wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam, 6 wɔn nso a wogyae Awurade akyidi na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.” 7 Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, efisɛ, Awurade da no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔde; wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho. 8 “Awurade afɔrebɔ da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma ne wɔn a wɔhyehyɛ ananafo ntade nyinaa aso. 9 Saa da no mɛtwe wɔn a wɔkwati apongua no nyinaa aso. Wɔn a wɔde akakabensɛm ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no. 10 “Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, “Osu befi Mpataa Pon ano, agyaadwotwa befi Atenae Foforo na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba. 11 Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase, dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn. 12 Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no, a wodwen se, ‘Awurade renyɛ hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’ 13 Wɔbɛfom wɔn ahonyade, na wɔabubu wɔn afi agu. Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuw nanso wɔrennom mu nsa.” 14 Awurade da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw, ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara. 15 Saa da no bɛyɛ abufuw da, ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da; ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da, ɛyɛ esum ne kusukuukuu da ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da, 16 ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ ne ntwɔtwɔw so abantenten da. 17 “Mede awerɛhow bɛba nnipa no so na wɔbɛnantew sɛ anifuraefo, efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma, na wɔn ayamde nso sɛ atantanne. 18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuw da no.” Ne ninkutwe mu gya no bɛhyew ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa aba awiei mpofirim.

< Sefania 1 >