< Sakaria 10 >

1 Mummisa Awurade hɔ nsu asusowbere mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum. Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa, ne nnɔbae nso ma obiara.
שאלו מיהוה מטר בעת מלקוש יהוה עשה חזיזים ומטר גשם יתן להם לאיש עשב בשדה
2 Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro; wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase, wɔma awerɛkyekye kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so.
כי התרפים דברו און והקוסמים חזו שקר וחלמות השוא ידברו הבל ינחמון על כן נסעו כמו צאן יענו כי אין רעה
3 “Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye, na mɛtwe ntuanofo no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no, na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
על הרעים חרה אפי ועל העתודים אפקוד כי פקד יהוה צבאות את עדרו את בית יהודה ושם אותם כסוס הודו במלחמה
4 Tweatibo befi Yuda mu, na ntamadan pɛe befi ne mu, ɔsa mu tadua befi Yuda mu, na sodifo nyinaa nso saa ara.
ממנו פנה ממנו יתד ממנו קשת מלחמה ממנו יצא כל נוגש יחדו
5 Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ dɔmmarima a wotiatia mmorɔn so dontori mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no nti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so.
והיו כגברים בוסים בטיט חוצות במלחמה ונלחמו כי יהוה עמם והבישו רכבי סוסים
6 “Mɛhyɛ Yudafi den na magye Yosefi no nkwa. Mede wɔn besi wɔn dedaw mu efisɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. Wɔbɛyɛ te sɛ nea mempoo wɔn mpo, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.
וגברתי את בית יהודה ואת בית יוסף אושיע והושבותים כי רחמתים והיו כאשר לא זנחתים כי אני יהוה אלהיהם--ואענם
7 Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima, wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa. Wɔn mma behu na wɔn ani begye; wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ Awurade mu.
והיו כגבור אפרים ושמח לבם כמו יין ובניהם יראו ושמחו יגל לבם ביהוה
8 Mɛto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kan no.
אשרקה להם ואקבצם כי פדיתים ורבו כמו רבו
9 Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsan aba.
ואזרעם בעמים ובמרחקים יזכרוני וחיו את בניהם ושבו
10 Mede wɔn befi Misraim aba mɛboa wɔn ano afi Asiria. Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, na wɔrensen hɔ.
והשבותים מארץ מצרים ומאשור אקבצם ואל ארץ גלעד ולבנון אביאם ולא ימצא להם
11 Wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ po mu, nanso wobedi po asorɔkye a ehuru no so. Nil mu nsu nyinaa bɛyow. Asiria ahomaso nso wɔbɛbrɛ no ase na Misraim ahempema betwa mu akɔ.
ועבר בים צרה והכה בים גלים והבישו כל מצולות יאר והורד גאון אשור ושבט מצרים יסור
12 Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu na ne din mu na wɔbɛnantew,” sɛnea Awurade se ni.
וגברתים ביהוה ובשמו יתהלכו נאם יהוה

< Sakaria 10 >