< Nnwom Mu Dwom 5 >

1 Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo; maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano. Madi me wokyɛm ne ɛwo; manom me bobesa ne me nufusu. Nnamfonom: Nnamfonom, munnidi na monnom; Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ. 2 Medae, nanso me koma anna. Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu; “Bue me, me nuabea, me dɔ, mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. Obosu afɔw me tirim, anadwo mu bosu afɔw me nwi.” 3 Maworɔw mʼatade, mensan mfa nhyɛ ana? Mahohoro mʼanan ase, memma ho nyɛ fi bio ana? 4 Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon no me koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu. 5 Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo, na me nsa ho kurobow ne me nsateaa ho aduhuam, yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho. 6 Mibue maa me dɔfo no, nanso na ɔkɔ. Ne kɔ no maa me ho dwiriw me. Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so. 7 Awɛmfo no huu me bere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; woyii mʼatade kɔe; saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no! 8 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo, sɛ muhu me dɔfo no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw. 9 Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo, mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a enti wohyɛ yɛn sɛɛ? 10 Me dɔfo ho twa na ogyigye, wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko. 11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa; ne ti so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi. 12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a ogyina asuwa bi ho; ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no, na etuatua hɔ sɛ abohemaa. 13 Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ. Ɛho hua te sɛ aduhuam. Nʼanofafa te sɛ sukooko a ɛsosɔ kurobow. 14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa a wɔde sikabereɛbo asisi mu. Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw ho na wɔde hoabo adura ho. 15 Nʼanan te sɛ abohemaa afadum a esisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so. Ne bɔbea te sɛ Lebanon a ɔyɛ sononko sɛ ne sida. 16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. Me dɔfo ni, mʼadamfo ni, Yerusalem mmabea.

< Nnwom Mu Dwom 5 >