< Adiyisɛm 3 >

1 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no se: Eyi ne asɛm a efi nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no nkyɛn. Minim nea woreyɛ. Minim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu.
“And to the messenger of the assembly in Sardis write: These things says He who is having the Seven Spirits of God, and the seven stars: I have known your works, and that you have the name that you live, and you are dead;
2 Enti nyan, na kanyan nea aka wɔ wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ mahu sɛ nea woayɛ no nnya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim ɛ.
be watching, and strengthen the rest of the things that are about to die, for I have not found your works fulfilled before God.
3 Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo, na worenhu bere ko a mɛba.
Remember, then, what you have received and heard, and keep [it] and convert: if, then, you may not watch, I will come on you as a thief, and you may not know what hour I will come on you.
4 Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu ɛ. Wɔbɛhyɛ ntade fitaa na wɔne me anantew, efisɛ ɛsɛ, wɔfata sa.
You have a few names even in Sardis who did not defile their garments, and they will walk with Me in white, because they are worthy.
5 Nea obedi nkonim no bɛhyɛ atade fitaa sɛ wɔn ara, na merentwa ne din mfi ateasefo nhoma no mu da. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfo anim sɛ ɔyɛ me dea.
The [one] thus overcoming will be clothed in white garments, and I will not blot out his name from the Scroll of Life, and I will confess his name before My Father, and before His messengers.
6 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.
He who is having an ear—let him hear what the Spirit says to the assemblies.
7 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no se: Eyi ne asɛm a efi nea ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokware na okura Dawid safe no nkyɛn. Nea obue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no.
And to the messenger of the assembly in Philadelphia write: These things says the Holy [One], the True [One], having the key of David, the [One] opening and no one will shut, and shutting and no one opens:
8 Minim nea woyɛ. Minim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokware. Mabue ɔpon bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu.
I have known your works; behold, I have set before you a door having been opened, which no one is able to shut it, because you have little power, and yet have kept My word, and have not denied My Name;
9 Tie! Kuw a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofo a wɔka se wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abebu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa behu sɛ medɔ wo.
behold, I give from the synagogue of Satan—those saying themselves to be Jews, and are not, but lie—behold, I will make them that they may come and prostrate before your feet, and may know that I loved you.
10 Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de bɛsɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, megye wo afi mu.
Because you kept the word of My endurance, I also will keep you from the hour of the trial that is about to come on all the world, to try those dwelling on the earth.
11 Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no.
Behold, I come quickly, be holding fast that which you have, that no one may receive your garland.
12 Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum wɔ me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi ɔsoro, me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.
He who is overcoming—I will make him a pillar in the temple of My God, and he may not go outside anymore, and I will write on him the Name of My God, and the name of the city of My God, the New Jerusalem, that comes down out of Heaven from My God—also My new Name.
13 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.
He who is having an ear—let him hear what the Spirit says to the assemblies.
14 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se: Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no sodifo no nkyɛn.
And to the messenger of the assembly of the Laodiceans write: These things says the Amen, the Witness—the Faithful and True—the Chief of the creation of God:
15 Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwini nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ anka wobɛyɛ mu baako.
I have known your works, that you are neither cold nor hot; I wish you were cold or hot.
16 Nanso esiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hyew na wonyɛ nwini nti, merebɛte wo sɛ ntasu afi mʼanom.
So—because you are lukewarm, and neither cold nor hot, I am about to vomit you out of My mouth;
17 Woka se, ‘meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa.’ Nanso, wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura.
because you say—I am rich, and have grown rich, and have need of nothing, and have not known that you are the wretched, and miserable, and poor, and blind, and naked;
18 Enti mitu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ ankasa, fi me nkyɛn, sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei, tɔ ntade fitaa hyɛ na fa kata wʼanimguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu wʼani so, sɛnea wubehu ade.
I counsel you to buy from Me gold fired by fire, that you may be rich, and white garments that you may be clothed, and the shame of your nakedness may not be revealed, and with eye-salve anoint your eyes, that you may see.
19 Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho.
As many as I cherish, I convict and discipline; be zealous, then, and convert;
20 Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue ɔpon no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.
behold, I have stood at the door, and I knock; if anyone may hear My voice, and may open the door, I will come in to him, and will dine with him, and he with Me.
21 Mɛma nkonimdifo no atena mʼahengua no ho, sɛnea madi nkonim nti, mete mʼAgya ahengua ho mprempren no.
He who is overcoming—I will give to him to sit with Me in My throne, as I also overcame and sat down with My Father in His throne.
22 Sɛ wowɔ aso a, ɛno de tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”
He who is having an ear—let him hear what the Spirit says to the assemblies.”

< Adiyisɛm 3 >