< Nnwom 93 >

1 Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no; wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode. Wɔde wiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu. 2 Wʼahengua tim hɔ fi tete; na wowɔ hɔ fi mmeresanten. 3 Awurade, po ama wɔn ho so, po ama wɔn nne so; po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so. 4 Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu, nea ɔwɔ tumi sen po nworoso, Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse. 5 Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam daa nyinaa.

< Nnwom 93 >