< Nnwom 83 >

1 Asaf Dwom. Ao, Onyankopɔn, ntena hɔ komm; mmua wʼano, Ao, Onyankopɔn, keka wo ho. 2 Hwɛ sɛnea wʼatamfo keka wɔn ho fa, na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn ti so. 3 Wɔde anifere repam atia wo nkurɔfo, wɔrepam atia wɔn a wo koma da wɔn so no. 4 Wɔka se, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, sɛnea wɔrenkae Israel din bio.” 5 Wɔde adwene koro bɔ pɔw; na wɔpam tia wo, 6 Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moabfo ne Hagarfo, 7 Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo, Filistifo ne Tirofo. 8 Asiria mpo akɔka wɔn ho de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefo de no mu den. 9 Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian, sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no, 10 wɔn a wɔsɛe wɔ En-Dor na wɔdan nwura no. 11 Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb, ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna, 12 a wɔkae se, “Momma yɛmfa Onyankopɔn adidibea nsase no no.” 13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ mfɛtɛ mu mfutuma, sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu. 14 Sɛnea ogya hyew kwae, na ogyatannaa so nkoko mu hyew no no, 15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn. 16 Ma animguase nka wɔn, na ama nnipa ahwehwɛ wo din akyi kwan, Awurade. 17 Ma wɔn anim ngu ase na wonni yaw; ma wonwuwu wɔ animguase mu. 18 Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so.

< Nnwom 83 >