< Nnwom 75 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔnto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” nne so. Asaf dwom. Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ. 2 Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mibu atɛntrenee. 3 Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn. 4 Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so. 5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiaabu nkasa.’” 6 Obiara mmfi apuei anaa atɔe anaa sare no so a obetumi ama obi so. 7 Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so. 8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma; ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa nom ma ɛka ase puw. 9 Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa; mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn. 10 Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn, na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so.

< Nnwom 75 >