< Nnwom 66 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Asase nyinaa momfa ahosɛpɛw nteɛ mu mma Onyankopɔn! 2 Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ! 3 Munse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛe yɛ nwonwa dodo! Wo tumi so mmoroso a wʼatamfo nyinaa de osuro kotow wʼanim. 4 Asase nyinaa kotow wo; wɔto ayeyi dwom ma wo, wɔto dwom kamfo wo din.” 5 Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ; anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu. 6 Ɔmaa po yɛɛ asase kesee; wɔnantew twaa nsu no mommra mma yenni ahurusi wɔ no mu. 7 Ɔde ne tumi di hene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatewfo nsɔre ntia no. 8 Aman nyinaa, munhyira yɛn Nyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyigyei; 9 wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn anan anwatiri. 10 Na wo, Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛe; na wonan yɛn sɛ dwetɛ. 11 Wode yɛn koguu afiase na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi. 12 Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so; yɛfaa ogya ne nsu mu, nanso wode yɛn baa faako a nnepa abu so. 13 Mede ɔhyew afɔre bɛba wʼasɔredan mu na madi bɔ a mahyɛ wo no so, 14 bɔ a mʼanofafa hyɛe, na mʼano kaa bere a na mewɔ ɔhaw mu no. 15 Mede mmoa a wɔadɔ srade bɛbɔ afɔre ama wo; adwennini ayɛyɛde; mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔre. 16 Mommra mmetie, mo a musuro Onyankopɔn nyinaa; momma menka nea wayɛ ama me nkyerɛ mo. 17 Mede mʼano su frɛɛ no; na me tɛkrɛma yii no ayɛ. 18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ me koma mu a, anka Awurade antie me. 19 Nanso nokware, Onyankopɔn atie me, wate me mpaebɔ. 20 Nhyira nka Onyankopɔn, a wampo me mpaebɔ na wanyi nʼadɔe amfi me so.

< Nnwom 66 >