< Nnwom 5 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom. Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwen mʼapinisi ho. 2 Tie me mmoa ho sufrɛ, me Hene ne me Nyankopɔn, efisɛ wo na mebɔ wo mpae. 3 Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidaso twɛn. 4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena. 5 Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim; wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa. 6 Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; Awurade kyi mogyapɛfo ne asisifo. 7 Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, mɛba wo fi; na nidi mu na mɛkotow akyerɛ wʼasɔredan kronkron no. 8 Awurade kyerɛ me kwan wɔ wo trenee mu mʼatamfo nti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim. 9 Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware; ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma. Wɔn menewa yɛ ɔda a so abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. 10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe. Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti, efisɛ wɔasɔre atia wo. 11 Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigye nto dwom daa. Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu. 12 Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo; na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo.

< Nnwom 5 >