< Nnwom 4 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so. Dawid dwom. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so, me trenee Nyankopɔn. Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu; hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ. 2 Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora? Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi? 3 Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a. 4 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu. 5 Mommɔ afɔre a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu. 6 Nnipa bebree bisa se: “Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so. 7 Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no. 8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu, efisɛ wo nko ara, Awurade, na woma metena dwoodwoo.

< Nnwom 4 >