< Nnwom 38 >

1 Dawid dwom. Adesrɛ. Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu. 2 Wo bɛmma hwirew me mu, na wo nsa adwerɛw me. 3 Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu; me bɔne nti, me nnompe ahodwow. 4 Mʼafɔdi amene me te sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo. 5 Mʼakuru bɔn na aporɔw esiane me bɔne mu agyimisɛm nti. 6 Makotow na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo. 7 Mʼakyi dompe mu yaw boro so: ahoɔden biara nni me nipadua mu. 8 Mabrɛ na mapɛtɛw koraa. Me koma mu yaw ma misi apini. 9 Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisi nhintaw wo. 10 Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum. 11 Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me; mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho. 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho. 13 Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm, mete sɛ mum a ontumi nkasa. 14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, nea nʼano ntumi mma mmuae. 15 Awurade, meretwɛn wo; Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so. 16 Mekae se, “Mma wɔn ani nnye; anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.” 17 Mereyɛ mahwe ase, na me yaw da so wɔ me mu. 18 Meka me mfomso kyerɛ; me bɔne hyɛ me so. 19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfo; wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso. 20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no, bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa. 21 Awurade nnyaw me. Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri! 22 Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa.

< Nnwom 38 >