< Nnwom 37 >

1 Dawid dwom. Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti; mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne;
לדוד אל-תתחר במרעים אל-תקנא בעשי עולה
2 Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew, wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu.
כי כחציר מהרה ימלו וכירק דשא יבולון
3 Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa. Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ.
בטח ביהוה ועשה-טוב שכן-ארץ ורעה אמונה
4 Ma wʼani nnye wɔ Awurade mu na wama wo nea wo koma pɛ.
והתענג על-יהוה ויתן-לך משאלת לבך
5 Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam; na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
גול על-יהוה דרכך ובטח עליו והוא יעשה
6 ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee, na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae.
והוציא כאור צדקך ומשפטך כצהרים
7 Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no, nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho efisɛ wɔnam bɔne akwan so.
דום ליהוה-- והתחולל-לו אל-תתחר במצליח דרכו באיש עשה מזמות
8 Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew; nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara.
הרף מאף ועזב חמה אל-תתחר אך-להרע
9 Wobetwa nnebɔneyɛfo agu, nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so no wobenya asase no adi so.
כי-מרעים יכרתון וקוי יהוה המה יירשו-ארץ
10 Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera. Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn.
ועוד מעט ואין רשע והתבוננת על-מקומו ואיננו
11 Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi so na wɔanya asomdwoe mmoroso.
וענוים יירשו-ארץ והתענגו על-רב שלום
12 Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefo na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;
זמם רשע לצדיק וחרק עליו שניו
13 nanso Awurade serew amumɔyɛfo, na onim sɛ wɔn nna abɛn.
אדני ישחק-לו כי-ראה כי-יבא יומו
14 Amumɔyɛfo twe afoa na wokuntun wɔn ta mu sɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo, sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ.
חרב פתחו רשעים-- ודרכו קשתם להפיל עני ואביון לטבוח ישרי-דרך
15 Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu, na wɔn ta mu abubu.
חרבם תבוא בלבם וקשתותם תשברנה
16 Kakra a atreneefo wɔ no som bo sen amumɔyɛfo bebree ahonya;
טוב-מעט לצדיק-- מהמון רשעים רבים
17 efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsa nanso Awurade bɛwowaw atreneefo.
כי זרועות רשעים תשברנה וסומך צדיקים יהוה
18 Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna, na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.
יודע יהוה ימי תמימם ונחלתם לעולם תהיה
19 Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ. Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so.
לא-יבשו בעת רעה ובימי רעבון ישבעו
20 Nanso amumɔyɛfo bɛyera. Awurade atamfo bɛyɛ sɛ nwura mu nhwiren; wobetu ayera sɛ wusiw.
כי רשעים יאבדו ואיבי יהוה כיקר כרים כלו בעשן כלו
21 Amumɔyɛfo pɛ bosea, na wontua, nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma;
לוה רשע ולא ישלם וצדיק חונן ונותן
22 Wɔn a Awurade ahyira wɔn no benya asase no adi so, na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu.
כי מברכיו יירשו ארץ ומקלליו יכרתו
23 Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a, ɔma nʼanammɔntu si pi.
מיהוה מצעדי-גבר כוננו ודרכו יחפץ
24 Sɛ ohintiw a ɔrenhwe ase, efisɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.
כי-יפל לא-יוטל כי-יהוה סומך ידו
25 Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa, na minhuu ɔtreneeni a Awurade apa nʼakyi anaasɛ ne mma resrɛ aduan.
נער הייתי-- גם-זקנתי ולא-ראיתי צדיק נעזב וזרעו מבקש-לחם
26 Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa; na ne mma benya nhyira.
כל-היום חונן ומלוה וזרעו לברכה
27 Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa na wobɛtena asase no so afebɔɔ.
סור מרע ועשה-טוב ושכן לעולם
28 Efisɛ, Awurade pɛ nea ɛteɛ, na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no. Wobenya bammɔ daa nyinaa. Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu.
כי יהוה אהב משפט ולא-יעזב את-חסידיו לעולם נשמרו וזרע רשעים נכרת
29 Atreneefo benya asase no adi so na wɔatena so afebɔɔ.
צדיקים יירשו-ארץ וישכנו לעד עליה
30 Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ.
פי-צדיק יהגה חכמה ולשונו תדבר משפט
31 Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu; wɔn anan nwatiri.
תורת אלהיו בלבו לא תמעד אשריו
32 Amumɔyɛfo tetɛw atreneefo hwehwɛ sɛ wobekum wɔn,
צופה רשע לצדיק ומבקש להמיתו
33 nanso Awurade nnyaa wɔn mma wɔn, na ɔremma wommu wɔn kumfɔ wɔ asennii.
יהוה לא-יעזבנו בידו ולא ירשיענו בהשפטו
34 Montwɛn Awurade na monhwɛ nʼakwan. Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so; sɛ wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu.
קוה אל-יהוה ושמר דרכו וירוממך לרשת ארץ בהכרת רשעים תראה
35 Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasa sɛ ɔredi yiye sɛ dua amono a esi asase pa so,
ראיתי רשע עריץ ומתערה כאזרח רענן
36 nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio; mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
ויעבר והנה איננו ואבקשהו ולא נמצא
37 Susuw nea ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ; na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye.
שמר-תם וראה ישר כי-אחרית לאיש שלום
38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa; na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase.
ופשעים נשמדו יחדו אחרית רשעים נכרתה
39 Atreneefo nkwagye fi Awurade ɔne wɔn aban wɔ amanehunu bere mu.
ותשועת צדיקים מיהוה מעוזם בעת צרה
40 Awurade boa wɔn na ogye wɔn; oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa, efisɛ wohintaw wɔ ne mu.
ויעזרם יהוה ויפלטם יפלטם מרשעים ויושיעם--כי-חסו בו

< Nnwom 37 >