< Nnwom 33 >

1 Momfa ahurusi nto dwom mma Awurade, mo atreneefo, ɛfata sɛ wɔn a wɔteɛ no yi no ayɛ. 2 Momfa sanku nkamfo Awurade; monto dwom mma no wɔ sankuten so. 3 Monto dwom foforo mma no. Momfa nimdeɛ mmɔ sanku no na monteɛ mu ahurusi so! 4 Awurade asɛm teɛ na ɛyɛ nokware odi nokware wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu. 5 Awurade dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee. Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma. 6 Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo. 7 Ɔka po nsu boa ano kuw; na ɔde bun sie nea hɔ dɔ. 8 Momma asase sofo nyinaa nsuro Awurade; na wiasefo nyinaa mfa nidi mma no. 9 Ɔno na ɔkasa ma ɛbaa mu na ɔhyɛ ma egyinaa pintinn. 10 Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe; ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa. 11 Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa, ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso. 12 Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne Awurade, nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no. 13 Awurade hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro. 14 Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa. 15 Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma, na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho. 16 Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no; ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan. 17 Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa. 18 Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wosuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu, 19 sɛ obegye wɔn afi owu mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu. 20 Yɛde anidaso twɛn Awurade; ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo. 21 Ne mu na yɛn koma di ahurusi, efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so. 22 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, Awurade, sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te.

< Nnwom 33 >