< Nnwom 26 >

1 Dawid dwom. Bu me bem, Awurade, efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim. 2 Sɔ me hwɛ, Awurade, hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu. 3 Wʼadɔe wɔ mʼanim daa na mɛnantew wo nokware mu. 4 Me ne nnaadaafo ntena na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ. 5 Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ na mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena. 6 Mehohoro me nsa wɔ bembu mu, na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade, 7 na mepae mu ka wʼayeyi na meka wʼanwonwade nyinaa. 8 Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade, faako a wʼanuonyam wɔ no. 9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ, ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho, 10 wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma. 11 Nanso mebɔ ɔbra a ho tew; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa. 12 Mʼanan sisi asase tamaa so; na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.

< Nnwom 26 >