< Nnwom 150 >

1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu. 2 Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho. 3 Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no, momfa asanku ne bɛnta nkamfo no, 4 momfa akasaa ne asaw nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no, 5 momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no. 6 Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade.

< Nnwom 150 >