< Nnwom 147 >

1 Monkamfo Awurade. Eye sɛ wɔto ayeyi nnwom ma yɛn Nyankopɔn, ɛyɛ fɛ na ɛfata dodo sɛ wɔkamfo no!
Hallelujah; for it is good to sing praises unto our God; for it is pleasant, and praise is comely.
2 Awurade kyekyere Yerusalem; Ɔboaboa Israel nnommum ano.
The LORD doth build up Jerusalem, He gathereth together the dispersed of Israel;
3 Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.
Who healeth the broken in heart, and bindeth up their wounds.
4 Ɔkyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ, na ɔde obiara din frɛ no.
He counteth the number of the stars; He giveth them all their names.
5 Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛse; yɛrente nʼase nwie.
Great is our Lord, and mighty in power; His understanding is infinite.
6 Awurade wowaw ahobrɛasefo na ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam.
The LORD upholdeth the humble; He bringeth the wicked down to the ground.
7 Monto aseda nnwom mma Awurade. Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.
Sing unto the LORD with thanksgiving, sing praises upon the harp unto our God;
8 Ɔde omununkum kata ɔsoro ani; ɔma asase osu ma sare nyin wɔ nkoko so.
Who covereth the heaven with clouds, who prepareth rain for the earth, who maketh the mountains to spring with grass.
9 Ɔma anantwi aduan, na sɛ kwaakwaadabimma su a, ɔma wɔn aduan.
He giveth to the beast his food, and to the young ravens which cry.
10 Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.
He delighteth not in the strength of the horse; He taketh no pleasure in the legs of a man.
11 Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wosuro no, wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔe a ɛnsa da no so no.
The LORD taketh pleasure in them that fear Him, in those that wait for His mercy.
12 Momma Awurade so, Yerusalem; kamfo wo Nyankopɔn, Sion,
Glorify the LORD, O Jerusalem; praise thy God, O Zion.
13 ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den, na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu.
For He hath made strong the bars of thy gates; He hath blessed thy children within thee.
14 Ɔma wʼahye so dwo, na ɔde awi ankasa ma wo.
He maketh thy borders peace; He giveth thee in plenty the fat of wheat.
15 Ɔsoma nʼahyɛde kɔ asase so; nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.
He sendeth out His commandment upon earth; His word runneth very swiftly.
16 Ɔtrɛw sukyerɛmma mu sɛ oguan ho nwi, na ɔpete obosu sukyerɛmma sɛ nsõ.
He giveth snow like wool; He scattereth the hoar-frost like ashes.
17 Ɔtotow mparuwbo gu fam sɛ mmosea. Hena na obetumi agyina nʼawɔw dennen no ano?
He casteth forth His ice like crumbs; who can stand before His cold?
18 Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnan no; ɔhwanyan ne mframa, na nsu sen.
He sendeth forth His word, and melteth them; He causeth His wind to blow, and the waters flow.
19 Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob, ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.
He declareth His word unto Jacob, His statutes and His ordinances unto Israel.
20 Ɔnyɛɛ eyi maa ɔman foforo biara ɛ; wonnim ne mmara. Monkamfo Awurade!
He hath not dealt so with any nation; and as for His ordinances, they have not known them. Hallelujah.

< Nnwom 147 >