< Nnwom 145 >

1 Ayeyi dwom. Dawid de. Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse; mɛkamfo wo din daa daa. 2 Da biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa. 3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse; obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ. 4 Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo; wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm. 5 Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho. 6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ. 7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa, na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom. 8 Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo; ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso. 9 Awurade ye ma obiara; na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa. 10 Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefo bɛma wo so. 11 Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm, 12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no. 13 Wʼahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ. 14 Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom. 15 Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu. 16 Wubue wo nsam, na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde. 17 Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa. 18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. 19 Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn; otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn. 20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so, nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. 21 Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.

< Nnwom 145 >