< Nnwom 143 >

1 Dawid dwom. Awurade, tie me mpaebɔ, tie me mmɔborɔsu; fi wo nokwaredi ne trenee mu bra bɛboa me. 2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim. 3 Ɔtamfo no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena sum mu te sɛ wɔn a wowuwuu dedaada. 4 Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu; na me koma di yaw wɔ me mu. 5 Mekae tete nna no; midwinnwen wo nnwuma ne nea wo nsa ayɛ nyinaa ho. 6 Mema me nsa so kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee. 7 Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhintaw me anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no. 8 Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ. 9 Awurade gye me fi mʼatamfo nsam, na wo mu na mede me ho hintaw. 10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde, na wo ne me Nyankopɔn; ma wo honhom pa no nkogya me asasetaw so. 11 Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so; wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu. 12 Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano; na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa, na meyɛ wo somfo.

< Nnwom 143 >