< Nnwom 141 >

1 Dawid dwom. Awurade, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so. 2 Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam; ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ. 3 Awurade, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano; na wɛn mʼano pon. 4 Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi, mma me ne abɔnefo nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade. 5 Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye; ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo. Me ti rempo. Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa. 6 Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam; na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware. 7 Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no, saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.” (Sheol h7585) 8 Nanso Otumfo Awurade, mʼani wɔ wo so; wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu. 9 Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho, mfiri a abɔnefo asunsum no. 10 Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn, bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no.

< Nnwom 141 >