< Nnwom 137 >

1 Babilonia nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtena suu bere a yɛkaee Sion no. 2 Ɛhɔ konkɔn so nnua mu na yɛde yɛn asanku sensɛnee, 3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom, yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn; wɔkae se, “Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!” 4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom, bere a yɛwɔ ananafo asase so? 5 Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a ma me nsa nifa werɛ mfi sankubɔ. 6 Sɛ mankae wo a, ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanom sɛ mamfa Yerusalem sɛ mʼanigyede kɛse pa ara a. 7 Kae, Awurade, nea Edomfo yɛɛ da a Yerusalem hwee ase no. Wɔteɛɛ mu se, “Munnwiriw, munnwiriw ngu fam nkɔka ne fapem!” 8 Ɔbabea Babilonia, wɔadome wo akɔ ɔsɛe mu, nea otua wo ka bio ani gye wɔ nea wode ayɛ yɛn no ho. 9 Nea ɔkyere wo nkokoaa de wɔn dwiradwira abotan no ani gye.

< Nnwom 137 >