< Nnwom 13 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana? Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me? 2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa? Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn? 3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna. 4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase. 5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu. 6 Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ ɔne me adi no yiye.

< Nnwom 13 >